Nnwom 129 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Dwom 129Ɔsoroforɔ dwom.

1“Wɔahyɛ me so pii firi me mmɔfraase,

ma Israel nka.

2“Wɔahyɛ me so pii firi me mmɔfraase,

nanso wɔntumi nnii me so nkonim.

3Fentemfoɔ afentem mʼakyi

ayɛ wɔn nkofie atentene.

4Nanso Awurade yɛ ɔteneneeni;

Watwitwa amumuyɛfoɔ nhoma afiri me ho.”

5Ma wɔn a wɔtan Sion nyinaa

mfa animguaseɛ nsane wɔn akyi.

6Ma wɔnyɛ sɛ ɛserɛ a ɛwɔ ɔdan atifi,

ɛnnyini na ahye;

7Ɛremma otwafoɔ nya biribi wɔ ne nsam,

na deɛ ɔboaboa ano nso renya hwee nʼabasa so.

8Mma wɔn a wɔtwam hɔ nnka sɛ,

“Awurade nhyira mmra mo so;

yɛhyira mo wɔ Awurade din mu.”

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help