1Ao, sɛ anka wobɛsunsuane ɔsorosoro mu, asiane aba fam a,
ɛno na anka mmepɔ no ho bɛpopo wɔ wʼanim!
2Sɛdeɛ ogya ma mmabaa dɛre
na ɛma nsuo huru no,
siane bra fam na ma wʼatamfoɔ nhunu wo din
na ma amanaman no ho mpopo wɔ wʼanim!
3Na ɛberɛ a woyɛɛ nneɛma a ɛyɛ nwanwa a yɛanhwɛ anim no,
wosiane baa fam na mmepɔ no ho popoo wɔ wʼanim.
4Ɛfiri teteete obiara nteeɛ,
ɛntwaa obiara aso mu,
ani biara nhunuu Onyankopɔn bi sɛ wo,
deɛ ɔdi dwuma ma wɔn a wɔtwɛn no.
5Woboa wɔn a wɔde anigyeɛ yɛ deɛ ɛtene,
wɔn a wɔkae wʼakwan.
Nanso yɛkɔɔ so yɛɛ bɔne tiaa wo no,
wo bo fuiɛ.
Na afei ɛbɛyɛ dɛn na woagye yɛn nkwa?
6Yɛn nyinaa ayɛ sɛ obi a ne ho nteɛ,
na yɛn tenenee nneyɛɛ nyinaa te sɛ ntomago fi;
yɛn nyinaa akusa te sɛ ahahan,
na yɛn bɔne pra yɛn kɔ te sɛ mframa.
7Obiara mmɔ wo din,
na obiara mpere sɛ ɔbɛso wo mu;
ɛfiri sɛ wode wʼanim ahinta yɛn
na yɛn bɔne enti woama yɛasɛe.
8Nanso, Ao Awurade, wo ne yɛn Agya.
Yɛyɛ dɔteɛ, na wo ne ɔnwomfoɔ no;
yɛn nyinaa yɛ wo nsa ano adwuma.
9Mma wo bo mfu ntra so, Ao Awurade;
nkae yɛn bɔne da biara da.
Ao, brɛ wʼani ase hwɛ yɛn, yɛsrɛ wo,
ɛfiri sɛ yɛn nyinaa yɛ wo nkurɔfoɔ.
10Wo nkuropɔn kronkron no adane anweatam;
Sion mpo ayɛ anweatam, Yerusalem ada mpan.
11Yɛn asɔredan kronkron a ɛwɔ animuonyam, faako a yɛn nananom yii wo ayɛ no,
wɔde ogya ahye,
na deɛ ɛsom bo ma yɛn no, abubu.
12Yei nyinaa akyi, Ao Awurade wo de wo ho bɛkame yɛn anaa?
Wobɛkɔ so ayɛ komm atwe yɛn aso aboro so anaa?
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
