Atemmufoɔ Nnianimu - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

NnianimuAtemmufoɔ Nwoma yɛ Israel abakɔsɛm a ɛfiri ɛberɛ a Israelfoɔ ko faa Kanaan asase kɔsi ɛberɛ a ɔman no nyaa ahemfo a ɛbɛyɛ mfirinhyia 440. Saa ɛberɛ no, na mmara nyɛ adwuma wɔ Israelman no mu. Abakɔsɛm yi fa ɔman no akatakyie no mmaninsɛm, apereapereɛ ne akokoakoko ho. Saa akatakyie a wɔfrɛ wɔn “atemmufoɔ” no mu bi yɛɛ asahene nnwuma titire sen sɛ wɔbu atɛn. Ebinom nso yɛ gyidie mu nsankyirefoɔ ne nkoa mpo. Yɛhunu Samson a ɔgyee edin pa ara wɔ atemmufoɔ yi mu no ho nsɛm wɔ Ti 13–16.Ade titire a yɛsua firi nwoma yi mu ne sɛ, Israel nkɔsoɔ ne yiedie gyina wɔn nokorɛdie a wɔde ma Onyankopɔn so. Ɛwom sɛ ɛberɛ biara a wɔyɛ asoɔden tia Onyankopɔn no, wɔkɔ ɔhaw mu, nanso sɛ ɔman no nu wɔn ho na wɔsane kɔ ne nkyɛn a, Onyankopɔn yɛ krado sɛ ɔbɛgye wɔn.Emu NsɛmIsrael di ɔman no fa bi so nkonim (1.1–3.6)Onyankopɔn yi atemmufoɔ ma Israel (3.7–16.31)Dan abusuakuo mu abosonsom (17.1–18.31)Ɔko a ɛtia Benyamin abusuakuo (19.1–21.25)
Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help