1Bu me bem, Ao Awurade,
ɛfiri sɛ, mabɔ bra a asɛm nni ho:
mede me ho too Awurade so
na manhinhim.
2Sɔ me hwɛ, Ao Awurade,
hwehwɛ mʼakoma ne mʼadwene mu.
3Wʼadɔeɛ wɔ mʼanim daa
na mɛnante wo nokorɛ mu.
4Me ne nnaadaafoɔ ntena
na me ne nyaatwomfoɔ nso nni hwee yɛ.
5Mekyiri nnebɔneyɛfoɔ dwabɔ
na mempɛ sɛ me ne amumuyɛfoɔ tena.
6Mehohoro me nsa wɔ bembuo mu,
na makɔ wʼafɔrebukyia ho ahyia, Ao Awurade,
7na mepae mu ka wʼayɛyie
na meka wʼanwanwadeɛ nyinaa.
8Mʼani gye efie a wote mu ho, Ao Awurade,
baabi a wʼanimuonyam wɔ no.
9Mfa me kra nka nnebɔneyɛfoɔ deɛ ho nkɔ.
Mfa me nkwa nka mogyapɛfoɔ deɛ ho,
10wɔn a amumuyɛ nhyehyɛeɛ wɔ wɔn nsam
na adanmudeɛ ayɛ wɔn nsa nifa ma.
11Nanso mebɔ ɔbra a ɛho teɛ.
Hu me mmɔbɔ na gye me nkwa.
12Me nan sisi asase tamaa so;
na dwabɔ akɛseɛ ase na mɛkamfo Awurade.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
