2 Korintofoɔ 9 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Mmoa A Wɔde Boa Onyankopɔn Nkurɔfoɔ

1Ɛho nhia sɛ metwerɛ mo fa mmoa a ɛsɛ sɛ wɔboa Onyankopɔn nkurɔfoɔ a wɔwɔ Yudea no ho.

2Menim sɛ ɛyɛ mo pɛ sɛ moboa enti, mede mo ahoahoa me ho akyerɛ nnipa a wɔwɔ Makedonia no. Mekaa sɛ, “Anuanom a wɔwɔ Hela no siesiee wɔn ho sɛ wɔbɛboa afe a ɛtwaam no mu.” Mo ahokeka no akanyane wɔn mu fa kɛseɛ no.

3Afei, merema anuanom yi aba mo nkyɛn sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, hoa a yɛde mo hoahoa yɛn ho no nnyɛ nsɛnkeka kwa. Na, sɛdeɛ mekaeɛ no, mobɛsiesie mo ho aboa.

4Sɛ anyɛ saa na sɛ nnipa no ne me firi Makedonia ba bɛhunu sɛ monsiesiee mo ho a, yɛn anim bɛgu ase. Mo nso mo anim bɛgu ase bi sɛ modii yɛn hwammɔ.

5Enti, medwene ho hunuu sɛ, ɛyɛ sɛ anuanom bi di mʼanim ɛkan na wɔkɔpɛ akyɛdeɛ a mohyɛɛ me ho bɔ no gu hɔ. Ɛba saa a, ɛberɛ a mɛduru hɔ no na ɛwɔ hɔ na adi adanseɛ sɛ mo na momaeɛ ɛfiri sɛ, na mopɛ sɛ moma enti, na mmom, na ɛnyɛ sɛ ɛsɛ sɛ moma.

6Monkae saa asɛm yi: Onipa a ɔgu aba kakra bi no, bɛtwa so kakraa bi, na deɛ ɔgu aba bebree no, bɛtwa so bebree.

7Mo mu biara mma sɛdeɛ wadwene ho no, a ɛnyɛ sɛ yea anaa ɔhyɛ mu, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn pɛ obi a ɔde anigyeɛ ma akyɛdeɛ no asɛm.

8Na Onyankopɔn bɛtumi ama wo aboro deɛ ɛho hia wo no so, enti daa na wowɔ deɛ ɛho hia wo, na wobɛnya bi nso adi dwuma foforɔ a ɛfata sɛ wodi.

9Atwerɛsɛm no ka sɛ,

“Ɔfiri nʼakoma mu ma ahiafoɔ deɛ wɔhia;

nʼadɔeɛ no tena hɔ daa.”

10Na Onyankopɔn a ɔma ogufoɔ no aba ne burodo sɛ aduane die no bɛma wo nso aba a ɛhia wo nyinaa na wahwɛ so ama anyini na wʼadɔeɛ no enti, aso bebree.

11Daa ɔbɛhwɛ ma woanya wo ho na woayɛ adɔeɛ, na ɛnam so ama dodoɔ no ara ada Onyankopɔn ase wɔ akyɛdeɛ a yɛnya firi mo nkyɛn no ho.

12Saa adɔeɛ a moyɛ yi, monnyɛ mma Onyankopɔn nkurɔfoɔ nko, na mmom, ɛnam so ma nnipa bebree da Onyankopɔn ase.

13Esiane dwuma a moadi de adi mo ho adanseɛ pa no enti, nnipa gyina nokorɛ a moadi wɔ Kristo asɛnka no ne mo adɔeɛ a moyɛ maa obiara no so bɛkamfo Onyankopɔn.

14Enti, wɔde ɔdɔ bɛbɔ mpaeɛ ama mo, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn ama mo adom a ɛboro so.

15Yɛda Onyankopɔn ase wɔ nʼakyɛdeɛ a ɛnni kabea no ho.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help