Nnwom 97 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Dwom 97

1 Awurade di ɔhene, ma asase ani nnye;

ma nsupɔ ahodoɔ nsɛpɛ wɔn ho.

2Omununkum ne esum kabii atwa ne ho ahyia;

tenenee ne atɛntenenee yɛ nʼahennwa no fapem.

3Ogya di nʼanim

na ɛhye nʼatamfoɔ wɔ afanan nyinaa.

4Nʼanyinam hran ewiase;

asase ahunu, na ne ho popo.

5Mmepɔ nane sɛ nku wɔ Awurade anim,

Awurade a asase nyinaa wɔ no no anim.

6Ɔsoro pae mu ka ne tenenee kyerɛ

na aman nyinaa hunu nʼanimuonyam.

7Ahonisomfoɔ nyinaa anim agu ase,

wɔn a wɔde abosomhuhuo hoahoa wɔn ho no,

anyame nyinaa monsɔre no.

8Sion te, na ne ho sɛpɛ no

na Yuda nkuraase ani gye

Ao Awurade, ɛsiane wʼatɛntenenee enti.

9Wo, Ao Awurade ne Ɔsorosoroni wɔ asase so nyinaa;

wɔama wo so pa ara wɔ anyame nyinaa mu.

10Ma wɔn a wɔdɔ Awurade no nkyiri bɔne,

ɔbɔ ne nkurɔfoɔ a wɔyɛ nokwafoɔ no ho ban

na ɔgye wɔn firi amumuyɛfoɔ nsam.

11Hann to gu teneneefoɔ so

na anigyeɛ ba wɔn a wɔn akoma mu teɛ so.

12Momma mo ani nnye Awurade mu, mo teneneefoɔ nyinaa,

na monkamfo ne din kronkron no.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help