1Monkamfo Awurade!
Mɛfiri mʼakoma nyinaa mu ama Awurade so
wɔ ateneneefoɔ adwabɔ ne asafo no mu.
2 Awurade nnwuma yɛ kɛseɛ;
wɔn a wɔn ani gye ho nyinaa susu ho.
3Ne nnwuma yɛ tumi ne animuonyam,
na ne tenenee wɔ hɔ daa.
4Ɔma yɛkae nʼanwanwadeɛ;
Awurade yɛ ɔdomfoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ.
5Ɔma wɔn a wosuro no no aduane;
ɔkae nʼapam no daa.
6Wakyerɛ ne nkurɔfoɔ tumi a ɛwɔ ne nnwuma mu,
sɛ ɔde aman afoforɔ nsase ama wɔn.
7Ne nsa ano nnwuma yɛ nokorɛ na ɛtene;
nʼahyɛdeɛ nyinaa mu wɔ ahotosoɔ.
8Ɛtim hɔ daa daa,
nokorɛ ne tenenee mu na ɔyɛeɛ.
9Ɔde ɔgyeɛ maa ne nkurɔfoɔ;
ɔde nʼapam sii hɔ afebɔɔ,
ne din yɛ kronkron na ɛyɛ hu.
10 Awurade suro yɛ nyansa mfitiaseɛ;
wɔn a wɔdi nʼahyɛdeɛ so nyinaa wɔ nhunumu pa.
Ɔno na daa ayɛyie wɔ no.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
