Nnwom 15 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Dwom 15Dawid dwom.

1 Awurade, hwan na ɔbɛsoeɛ wo kronkronbea hɔ?

Hwan na ɔbɛtena wo bepɔ kronkron no so?

2Deɛ ne ho nni asɛm

na ɔyɛ deɛ ɛtene,

deɛ ɔka nokorɛ a ɛfiri nʼakomam

3na ɔmfa ne tɛkrɛma nsɛe nnipa

deɛ ɔnnyɛ ne yɔnko bɔne

na ɔmmu ne yɔnko onipa abomfiaa,

4deɛ ɔbu afideyɛni animtiaa

na ɔde anidie ma wɔn a wɔsuro Awurade,

deɛ ɔdi ne ntam so

ɛberɛ a ɛtia no mpo,

5deɛ ɔde ne sika bɔ bosea a ɔnnye nsiho

na ɔnnye adanmudeɛ ntia deɛ ɔdi bem.

Deɛ ɔyɛ yeinom no

renhinhim da.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help