Nnwom 41 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Dwom 41Dawid dwom.

1Nhyira ne onipa a mmɔborɔni asɛm ho hia no.

Awurade gye no wɔ amanehunu berɛ mu.

2 Awurade bɛbɔ ne ho ban na wakora ne kra.

Ɔbɛhyira no wɔ asase no so;

ɔrennyaa no mma nʼatamfoɔ apɛdeɛ.

3 Awurade bɛhwɛ no wɔ ne yadeɛ mpa so

na wagye no asi hɔ.

4Mekaa sɛ, “Ao Awurade hunu me mmɔbɔ;

sa me yadeɛ, ɛfiri sɛ mayɛ bɔne atia wo.”

5Mʼatamfoɔ de adwene bɔne ka wɔ me ho sɛ:

“Da bɛn na ɔbɛwu ama ne din ayera?”

6Ɛberɛ biara a obi ba me nkyɛn no,

ɔka atorɔsɛm, na nʼakoma hɔre dinsɛeɛ;

ɔfiri adi kɔ a, ɔde kɔdi nsekuro.

7Mʼatamfoɔ nyinaa keka asomusɛm fa me ho;

wɔsusu bɔne ma me na wɔka sɛ:

8“Yare bɔne bi abɔ no;

ɔrensɔre mfiri deɛ ɔda hɔ bio.”

9Mpo me yɔnko pa ara a mede me ho too ne soɔ,

deɛ me ne no too nsa didiiɛ no,

asɔre atia me.

10Nanso wo, Awurade, hunu me mmɔbɔ;

pagya me, na mentua wɔn so ka.

11Menim sɛ wʼani sɔ me,

na me ɔtamfoɔ renni me so nkonim.

12Me nokorɛdie mu, wokura me mu

na wode me gyina wʼanim afebɔɔ.

13Nhyira nka Awurade, Israel Onyankopɔn,

ɛnnɛ ne daa nyinaa.

Amen ne Amen!

Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help