Yesaia 65 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Atemmuo Ne Nkwagyeɛ

1“Medaa me ho adi kyerɛɛ wɔn a wɔammisa mʼase;

wɔn a wɔnhwehwɛ me no hunuu me.

Ɔman a wɔnnsu mfrɛ me no

Meka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Me nie, Me nie.’

2Ɛda mu nyinaa, matrɛ me nsa mu ama

nnipa a wɔyɛ asoɔden ne nyiyiano,

a wɔnenam akwammɔne so,

na wɔdi wɔn ankasa nsusuiɛ akyi.

3Nnipa a daa no wɔyi me ahi

wɔ mʼanim pɛɛ.

Wɔbɔ afɔdeɛ wɔ nturo mu

na wɔhye nnuhwam wɔ ntayaa afɔrebukyia so;

4Wɔtenana adamena so

na anadwo wɔsiri pɛ nkokoam;

wɔwe prakonam

na wɔn nkwansɛn mu nso, wɔayɛ nkwan a wɔde ɛnam a ɛho nteɛ ayɛ;

5wɔka sɛ, ‘Momfiri ha; mo mmɛn me,

ɛfiri sɛ me ho te dodo ma mo!’

Saa nnipa yi yɛ wisie wɔ me hwene mu,

ogya a ɛkɔ so hyeɛ da mu nyinaa.

6“Hwɛ, wɔatwerɛ ato hɔ wɔ mʼanim sɛ,

merennyɛ komm, mɛtua so ka pɛpɛɛpɛ;

mɛtua so ka agu wɔn asrɛ so,

7mo ne mo agyanom bɔne nti,”

sei na Awurade seɛ.

“Esiane sɛ wɔhyee afɔrebɔdeɛ wɔ mmepɔ so

na wɔtwirii me wɔ nkokoɔ so enti

mɛsusu bɔne a wɔyɛɛ kane no so akatua pɛpɛɛpɛ

agu wɔn asrɛ so.”

8Yei ne deɛ Awurade seɛ:

“Sɛdeɛ wɔnya nsuo firi bobe dontwo mu

na nnipa ka sɛ, ‘Monnsɛe no,

ɛfiri sɛ adepa bi da so wɔ mu’ no

saa ara na mʼasomfoɔ no enti mɛyɛ.

Merensɛe wɔn nyinaa.

9Mede Yakob asefoɔ bɛba,

na me mmepɔ no sodifoɔ afiri Yuda aba;

me nkurɔfoɔ a mapa wɔn no bɛdi wɔn adeɛ,

na ɛhɔ na mʼasomfoɔ bɛtena.

10Saron bɛyɛ nnwankuo adidibea,

na Akɔr bɔnhwa no ayɛ anantwikuo homebea,

ama me nkurɔfoɔ a wɔhwehwɛ me.

11“Na mo a mogya Awurade

na mo werɛ firi ne bepɔ kronkron no,

mo a moto ɛpono ma Ahonya bosom no

na mohyɛ afransa wɔ nkuruwa mu ma Nkrabea bosom no,

12mede mo bɛto akofena ano,

na mo nyinaa akoto ama wɔakum mo;

ɛfiri sɛ mefrɛeɛ nanso moannye so,

mekasaeɛ nanso moantie.

Moyɛɛ deɛ ɛyɛ mʼani so bɔne

na moyɛɛ deɛ mempɛ.”

13Enti yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ:

“Mʼasomfoɔ bɛdidi,

nanso ɛkɔm bɛde wɔn,

mʼasomfoɔ bɛnom,

nanso osukɔm bɛde wɔn;

mʼasomfoɔ ani bɛgye,

nanso wɔn anim bɛgu ase.

14Mʼasomfoɔ bɛto nnwom

afiri akoma mu anigyeɛ mu

na wɔbɛteam asu

afiri wɔn akoma ahoyera mu

na wɔbɛtwa adwo afiri honhom a ayɛ mmrɛ mu.

15Mo din bɛyɛ mmusuo

ama wɔn a mapa wɔn;

Otumfoɔ Awurade bɛkum mo

na nʼasomfoɔ deɛ, ɔbɛma wɔn edin foforɔ.

16Obiara a ɔsrɛ nhyira wɔ asase no so

bɛyɛ wɔ nokorɛ Onyankopɔn mu;

obiara a ɔka ntam wɔ asase no so

bɛka no wɔ nokorɛ Onyankopɔn mu.

Na ɔhaw a atwam no, wɔn werɛ bɛfiri

na me nso, me werɛ bɛfiri.

17“Hwɛ! Mɛbɔ

ɔsorosoro foforɔ ne asase foforɔ.

Wɔrenkae nneɛma a atwam no bio,

na ɛremma adwene mu nso.

18Nanso momma mo ani nnye na monni ahurisie afebɔɔ

wɔ deɛ merebɛbɔ ho,

ɛfiri sɛ mɛbɔ Yerusalem ama ayɛ anika

na emu nnipa ayɛ anigyeɛ farebae.

19Mɛsɛpɛ me ho wɔ Yerusalem mu,

na madi ahurisie wɔ me nkurɔfoɔ ho.

Na wɔrente agyaadwoɔ ne osu nnyegyeeɛ

wɔ mu bio.

20“Ɛrensi bio wɔ mu.

Abɔfra a ne nkwa nna yɛ kakraa bi,

anaa akɔkoraa a ɔnni ne mfeɛ nwieeɛ,

deɛ ɔdi mfeɛ ɔha na ɔwu no

wɔbɛfa no sɛ ɔbabunu bi kɛkɛ;

na deɛ wannya mfeɛ ɔha no

wɔbɛfa no sɛ wɔadome no.

21Wɔbɛsisi afie na wɔatena mu,

wɔbɛyɛ bobe nturo na wɔadi mu aba.

22Wɔrensisi afie mma afoforɔ mmɛtena mu bio,

na wɔrennua mma afoforɔ mmɛdi.

Na nna a nnua di no,

saa ara na me nkurɔfoɔ nna bɛyɛ;

me nkurɔfoɔ a mapa wɔn no bɛdi

wɔn nsa ano adwuma so aba akyɛre.

23Wɔremmrɛ nnwu

na wɔrenwo mma a wɔn hyɛberɛ nnyɛ;

ɛfiri sɛ wɔbɛyɛ nnipa a Awurade ahyira wɔn,

wɔne wɔn asefoɔ.

24Mɛbua wɔn ansa na wɔafrɛ me.

Ɛberɛ a wɔgu so rekasa no, mɛtie.

25Pataku ne odwammaa bɛdidi abɔ mu;

gyata bɛwe ɛserɛ sɛ ɔnantwie,

nanso mfuturo bɛyɛ ɔwɔ aduane.

Wɔrempira obi anaa wɔrensɛe obi

wɔ me bepɔ kronkron so nyinaa,”

sɛdeɛ Awurade seɛ nie.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help