Hesekiel Nnianimu - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

NnianimuOdiyifoɔ Hesekiel ka nnommumfoɔ a wɔde wɔn kɔɔ Babilonia no ho. Onyankopɔn hyɛɛ no sɛ ɔnka Israel nnommumfoɔ no anim wɔ wɔn bɔne bebrebe, wɔn akomaden ne tia a wɔtia nʼasɛm no ho. Ɔyɛ odiyifoɔ a ɔkaa asɛmpa wɔ mmɔntene so mfirinhyia aduonu mmienu. Ɔfaa anisoadehunu so kyerɛɛ nʼadwene, na ɔnam nsɛnkyerɛnneɛ ahodoɔ so kaa nʼasɛm.Hesekiel Nwoma no mu nkɔmhyɛ gu ahodoɔ ɛnan: (1) Israelfoɔ nnommumfa ne Yerusalem sɛeɛ. (2) Atemmuo a ɛwɔ hɔ ma aman afoforɔ a wɔfoaa Israelman nnebɔneyɛ so ne tia a sɔre wɔtiaa Onyankopɔn asɛm so. (3) Nna a ɛdi akyire ne agyenkwa no ba. (4) Gye a wɔbɛgye ɔman no ne asɔrefie no asi wɔn dada mu wɔ agyenkwa no daa ahennie wɔ Israelman mu.Hesekiel Nwoma no twe ɔman no adwene si Onyankopɔn atemmuo ne ne nkwagyeɛ so. Amanfoɔ no afutusɛm no ne sɛ wɔnsakyera na wɔnyɛ ɔsetie mma Onyankopɔn. Nwoma no ka Onyankopɔn nokorɛdie ne nhyira a ɔde bɛma ne nkurɔfoɔ daakye ho asɛm.Emu NsɛmƆsɛeɛ Ho Asɛnka (1.1–24.27)Asɛnka A Ɛtia Aman Afoforɔ (25.1–32.32)Anidasoɔ ho asɛnka (33.1–48.35)
Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help