Ɔsɛnkafoɔ 9 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Hyɛberɛ A Ɛwɔ Hɔ Ma Yɛn Nyinaa

1Enti medwenee yeinom nyinaa ho na mehunuu sɛ ateneneefoɔ, anyansafoɔ ne deɛ wɔyɛ wɔ Onyankopɔn nsam; nanso obiara nnim sɛ ɔdɔ anaasɛ ɔtan retwɛn no.

2Wɔn nyinaa hyɛberɛ yɛ baako; ateneneefoɔ ne amumuyɛfoɔ, nnipa pa ne nnipa bɔne, wɔn a wɔn ho teɛ ne wɔn a wɔn ho nteɛ, wɔn a wɔbɔ afɔdeɛ ne wɔn a wɔmmɔ.

Sɛdeɛ ɛte ma onipa pa no,

saa ara na ɛte ma ɔbɔnefoɔ;

sɛdeɛ ɛte ma wɔn a wɔka ntam no,

saa ara na ɛte ma wɔn a wɔsuro sɛ wɔbɛka ntam.

3Yei ne bɔne a ɛwɔ biribiara a ɛsi wɔ owia yi ase mu. Hyɛberɛ baako ba yɛn nyinaa so. Deɛ ɛka ho ne sɛ, bɔne ahyɛ nnipa akoma mu ma na abɔdamsɛm wɔ wɔn akoma mu ɛberɛ a wɔwɔ nkwa mu, na akyire no, wɔkɔka awufoɔ ho.

4Obiara a ɔka ateasefoɔ ho no wɔ anidasoɔ, mpo ɔkraman a ɔte ase yɛ sene gyata a wawuo.

5Na ateasefoɔ nim sɛ wɔbɛwu,

nanso awufoɔ nnim hwee;

wɔnni akatua biara bio,

na wɔn ho nkaeɛ mpo ayera.

6Wɔn dɔ, ɔtan

ne ninkunu atu ayera dada;

wɔnni hwee yɛ wɔ

biribiara a ɛsi wɔ owia yi ase mu.

7Enti kɔ, fa anigyeɛ di wʼaduane, na fa ahosɛpɛ akoma nom wo nsã, ɛfiri sɛ saa ɛberɛ yi na Onyankopɔn pene deɛ woyɛ so.

8Ɛberɛ biara ma wʼaduradeɛ nyɛ fitaa na fa ngohwam sra wo tirim.

9Wo ne wo yere monnye mo ani, ɔbaa a wo dɔ noɔ no, wɔ nna a ɛnka hwee a Onyankopɔn de ama mo wɔ owia yi ase, mo ahuhudeɛ nna no. Ɛfiri sɛ ɛyɛ mo kyɛfa wɔ mo nkwa nna mu, ne mo adwumaden wɔ owia yi ase.

10Deɛ wo nsa bɛso mu biara, fa wʼahoɔden nyinaa yɛ, ɛfiri sɛ damena a wɔrekɔ mu no, adwumayɛ, adwendwene, nhunumu ne nimdeɛ nni hɔ.

11Mehunuu biribi foforɔ wɔ owia yi ase:

Mmirikakansie nni hɔ mma deɛ ne ho yɛ herɛ

anaasɛ ɔko nni hɔ mma ɔhoɔdenfoɔ,

aduane mma onyansafoɔ nkyɛn

anaasɛ ahonya nnkɔ nhunumufoɔ hɔ

na adom nnkɔ animdefoɔ nkyɛn;

nanso berɛ ne akwannya wɔ hɔ ma wɔn nyinaa.

12Bio, onipa biara nnim dɔn ko a ne berɛ bɛso:

Sɛdeɛ asau tumi kyere mpataa,

ne sɛdeɛ afidie yi nnomaa no

saa ara na mmerɛ bɔne to nnipa

wɔ ɛberɛ a wɔn ani nni wɔn ho so.

Nimdeɛ Yɛ Sene Nkwaseasɛm

13Bio, mehunuu saa nimdeɛ ho nhwɛsoɔ yi wɔ owia yi ase ma ɛtɔɔ me so yie:

14Ɛberɛ bi na kuropɔn ketewa bi wɔ hɔ a emu nnipa yɛ kakraa bi. Ɔhene bi a ɔwɔ tumi to hyɛɛ kuropɔn yi so. Ɔtwaa ho hyiaeɛ na ɔsisii mpie akɛseɛ tiaa no.

15Na ohiani bi a ɔnim nyansa wɔ kuropɔn no mu, na ɔnam ne nimdeɛ so gyee kuropɔn no sii hɔ. Nanso obiara ankae saa ohiani no.

16Enti mekaa sɛ, “Nimdeɛ yɛ sene ahoɔden.” Nanso wɔbuu ohiani no nimdeɛ no animtiaa, na obiara ntie nʼasɛm bio.

17Ɛsɛ sɛ wɔtie onyansafoɔ nsɛm a ɔka no brɛoo no

na ɛnyɛ nkwaseafoɔ sodifoɔ nteateam.

18Nimdeɛ yɛ sene akodeɛ,

nanso ɔdebɔneyɛfoɔ baako sɛe nnepa bebree.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help