Hiob 5 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

1“Wopɛ a frɛ, na hwan na ɔbɛgye wo soɔ?

Akronkronfoɔ no mu hwan nkyɛn na wobɛkorɔ?

2Ahisɛm kum ɔkwasea,

na anibereɛ kum atetekwaa.

3Mʼankasa mahunu ɔkwasea a ɔrefefɛ,

nanso, mpofirim, wɔdomee ne fie.

4Ne mma ne banbɔ ntam ɛkwan ware,

wɔdwerɛ wɔn wɔ asɛnniiɛ a wɔnnya ɔkamafoɔ.

5Deɛ ɛkɔm de noɔ no di ne nnɔbaeɛ,

na ɔfa firi nkasɛɛ mu mpo,

na deɛ osukɔm de noɔ no pere di nʼahodeɛ akyi.

6Ahokyere mmpue mfiri dɔteɛ mu

na ɔhaw nso mmpue mfiri fam.

7Nanso wɔwo nnipa to ɔhaw mu

mpɛn dodoɔ a ogyaframa turi kɔ ɔsoro.

8“Nanso sɛ ɛyɛ me a, anka mɛdwane atoa Onyankopɔn;

na mede mʼasɛm ato nʼanim.

9Ɔyɛ anwanwadeɛ a wɔntumi nhwehwɛ mu,

ne nsɛnkyerɛnneɛ a wɔntumi nkan ne dodoɔ.

10Ɔtɔ nsuo gu asase so;

na ɔde kɔ wira mu.

11Ɔde ahobrɛasefoɔ si deɛ ɛkorɔn,

na ɔma wɔn a wɔdi awerɛhoɔ nya asomdwoeɛ.

12Ɔsɛe anifirefoɔ nhyehyɛeɛ,

ma wɔn nsa si fam.

13Ɔkyere anyansafoɔ wɔ wɔn anifire mu,

na ɔbɔ anitefoɔ nhyehyɛeɛ gu.

14Esum duru wɔn awia ketee;

na wɔkeka owigyinaeɛ te sɛ anadwo.

15Ɔgye ahiafoɔ firi afena a ɛhyɛ wɔn anomu;

ɔgye wɔn firi ahoɔdenfoɔ nkyehoma mu.

16Enti, ahiafoɔ wɔ anidasoɔ,

na ntɛnkyea ka nʼano to mu.

17“Nhyira ne onipa a Onyankopɔn tene no,

enti mmu Otumfoɔ ntenetene no animtiaa.

18Ɛfiri sɛ, ɔno na ɔpira na ɔno ara akyekyere;

ɔpira nanso ne nsa sa yadeɛ.

19Ɔbɛgye wo afiri ɔhaw ahodoɔ nsia mu;

nson so, a bɔne biara renka wo.

20Ɛkɔm ba a, ɔbɛgye wo afiri owuo mu,

na ɔko mu nso, ɔbɛgye wo afiri afena ano.

21Wɔbɛbɔ wo ho ban afiri kasatwie ho

na sɛ ɔsɛeɛ ba a, ɛnsɛ sɛ wosuro.

22Wobɛsere ɔsɛeɛ ne ɔkɔm;

na ɛnsɛ sɛ wosuro asase so mmoa.

23Wo ne afuo so aboɔ bɛyɛ apam,

na emu nkekaboa nso ne wo bɛtena asomdwoeɛ mu.

24Wobɛhunu sɛ wo ntomadan wɔ banbɔ;

na sɛ wosese wʼahodeɛ a, wobɛhunu sɛ hwee nyeraeɛ.

25Wobɛhunu sɛ wo mma bɛyɛ bebree;

na wʼasefoɔ bɛdɔre sɛ ɛserɛ.

26Wode ahoɔden bɛkɔ damena mu,

te sɛ afiafi a wɔaboa ano wɔ otwa berɛ mu.

27“Yɛahwehwɛ yei mu, na ɛyɛ nokorɛ

ɛno enti tie na fa toto wʼabrabɔ ho.”

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help