Yosua 12 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Ahemfo A Wɔdii Wɔn So Wɔ Yordan Apueeɛ Fam

1Yeinom ne ahemfo a wɔwɔ Asubɔnten Yordan apueeɛ fam a wɔkunkumm wɔn na wɔfaa wɔn nsase. Wɔn nsase no firi Arnon Subɔnhwa kɔsi Bepɔ Hermon so a Yordan Bɔnhwa asase a ɛwɔ apueeɛ fam nyinaa ka ho.

2Wɔdii Amorifoɔhene Sihon a na ɔte Hesbon so.

Na nʼahemman bi ne Aroer a ɛwɔ Arnon Subɔnhwa ano na ɛtene firi ne mfimfini kɔsi Asubɔnten Yabok a ɛda hɔ sɛ ɛhyeɛ ma Amorifoɔ no. Ɛnnɛ yi, Gilead fa a ɛda Asubɔnten Yabok atifi no ka ɔmantam no ho.

3Ɛfiri Yordan bɔnhwa atifi a ɛbɛn Galilea ɛpo no atɔeɛ fam mpoano na ɛsiane ba anafoɔ fam bɛsi Nkyene Ɛpo, firi Bet-Yesimot kɔsi Pisga nsianeɛ so hyɛɛ Sihon ase.

4Basanhene Og a ɔtwa Refaimfoɔ to no tenaa Astarot ne Edrei asase so.

5Na ɔdii ɔhene wɔ ɔman a ɛfiri Bepɔ Hermon so de kɔsi Saleka wɔ atifi fam ne Basan a ɛwɔ apueeɛ fam nyinaa, de kɔ atɔeɛ fam kɔsi Gesurfoɔ ne Maakatfoɔ ahemman ɛhyeɛ so. Gilead fa a ɛwɔ atifi fam, ne ɛfa a aka a na ɛwɔ Hesbonhene Sihon asase mu no ka ho.

6Na Mose a ɔyɛ Awurade ɔsomfoɔ no ne Israelfoɔ atɔre ɔhene Sihon ne ɔhene Og nkurɔfoɔ ase. Mose de wɔn asase maa Ruben ne Gad mmusuakuo ne Manase abusua fa no.

Yordan Apueeɛ Fam Ahemfo A Wɔdii Wɔn So

7Saa ahemfo a wɔn din didi soɔ yi na Yosua ne Israel akodɔm dii wɔn so wɔ Yordan atɔeɛ fam firi Baal-Gad wɔ Lebanon bɔnhwa mu de kɔsi Halak bepɔ a ɛkɔsi Seir no. Na Yosua de asase no maa Israel mmusuakuo no sɛ wɔn agyapadeɛ,

8a ɛne bepɔ so ɔman, atɔeɛ fam nkokoɔ, Yordan Bɔnhwa, mmepɔ mmepɔ nsianeɛ, Yudea ɛserɛ so ne Negeb. Nnipa a na wɔte saa beaeɛ hɔ no yɛ Hetifoɔ, Amorifoɔ, Kanaanfoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ.

Yeinom ne ahemfo a Israel dii wɔn so nkonim:

9Yerikohene

baako

Ai a ɛbɛn Bet-El ɔhene

baako

10Yerusalemhene

baako

Hebronhene

baako

11Yarmuthene

baako

Lakishene

baako

12Eglonhene

baako

Geserhene

baako

13Debirhene

baako

Gederhene

baako

14Hormahene

baako

Aradhene

baako

15Libnahene

baako

Adulamhene

baako

16Makedahene

baako

Bet-Elhene

baako

17Tapuahene

baako

Heferhene

baako

18Afekhene

baako

Lasaronhene

baako

19Madonhene

baako

Hasorhene

baako

20Simronhene

baako

Aksafhene

baako

21Taanakhene

baako

Megidohene

baako

22Kedeshene

baako

Yokneam a ɛwɔ Karmel ase ɔhene

baako

23Dor a ɛwɔ Dor kokoɔ so ɔhene

baako

amanaman a ɛwɔ Gilgal no ɔhene

baako

24Tirsahene

baako

Ahemfo a wɔsɛee wɔn ne wɔn nkuro nyinaa ano si aduasa baako.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help