Filipifoɔ Nnianimu - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

NnianimuPaulo twerɛɛ saa krataa yi kɔmaa Akristofoɔ a wɔwɔ Filipi a ɛno ne asafo a wɔdii ɛkan tee wɔ Europa. Na Filipi yɛ kuropɔn a agye din yie wɔ adwadie mu a na ɛhyɛ Roma aban ase. Wɔkyeree Paulo de no too afiase wɔ saa kuropɔn yi mu. Ɛberɛ a ɔda afiase no na ɔtwerɛɛ saa krataa yi. Saa ɛberɛ no, atorɔ akyerɛkyerɛfoɔ de wɔn ho wuraa asafo no mu maa mpo nnipa bi sɔre tiaa Paulo nkyerɛkyerɛ no. Nanso, nnipa no bebree gyee nʼasɛm no too mu maa no deɛ ɛhia biara wɔ afiase hɔ. Saa krataa yi mu, Paulo kyerɛɛ anigyeɛ a wɔnya wɔ to a wɔde wɔn ho to Kristo so no mu.Emu NsɛmNkyea ne nnianimu (1.1-11)Paulo ka nʼankasa ho asɛm (1.12-26)Okristoni abrabɔ (1.27–2.18)Paulo soma Timoteo ne Epafrodito kɔ Filipi (2.19-30)Nkyerɛkyerɛ ne afotuo (3.1–4.9)Akyɛdeɛ pa ho asɛdeɛ (4.10-20)Nsɛnka no awieeɛ ne nhyira (4.21-23)
Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help