Yesaia 56 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Afoforɔ Nkwagyeɛ

1Yei ne deɛ Awurade seɛ:

“Monkɔ so mmu atɛntenenee

na monyɛ deɛ ɛyɛ,

ɛfiri sɛ me nkwagyeɛ abɛn

na ɛrenkyɛre me tenenee bɛda adi.

2Nhyira nka onipa a ɔyɛ yeinom,

onipa a ɔkura mu denden:

deɛ ɔkae Homeda na ɔyɛ no kronkron,

na ɔkame ne ho firi bɔneyɛ ho.”

3Mma ɔnanani a ɔde ne ho ama Awurade nka sɛ,

“Ampa ara Awurade renkane me mfra ne nkurɔfoɔ mu.”

Na opiani biara nso nwiinwii sɛ,

“Meyɛ duawuiɛ.”

4Sei na Awurade seɛ,

“Apiafoɔ a wɔkae me home nna,

wɔn a wɔyɛ deɛ ɛsɔ mʼani

na wɔkura mʼapam mu denden,

5mɛma wɔn, wɔ mʼasɔredan ne ɛho afasuo no mu,

nkaedeɛ ne edin a

ɛkyɛn mmammarima ne mmammaa;

mɛma wɔn edin a ɛbɛtena hɔ afebɔɔ,

edin a ɛrentwam.

6Na ananafoɔ a wɔde wɔn ho ama Awurade

sɛ wɔbɛsom no,

sɛ wɔbɛdɔ Awurade din,

na wɔasɔre no,

wɔn a wɔkae Homeda na wɔyɛ no kronkron nyinaa,

na wɔkura mʼapam mu denden;

7yeinom na mede wɔn bɛba me bepɔ kronkron no so

na mama wɔn anigyeɛ wɔ me mpaeɛbɔ efie.

Wɔn ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ ne afɔrebɔ ahodoɔ no,

mɛgye wɔ mʼafɔrebukyia so;

na wɔbɛfrɛ me fie beaeɛ a

aman nyinaa bɔ mpaeɛ.”

8Otumfoɔ Awurade,

deɛ ɔboaboa Israel atukɔfoɔ ano no ka sɛ:

“Mɛkɔ so aboaboa afoforɔ ano aka wɔn ho

aka wɔn a maboa wɔn ano dada no ho.”

Onyankopɔn Soboɔ A Ɛtia Amumuyɛfoɔ

9Mommra, mo wiram mmoadoma nyinaa,

mommɛdidi, mo kwaeɛm mmoa nyinaa!

10Israel awɛmfoɔ yɛ anifirafoɔ,

wɔn mu biara nni nimdeɛ;

wɔn nyinaa yɛ nkraman mum,

wɔntumi mmobɔ mu;

wɔdeda hɔ na wɔsoso daeɛ,

nna yɛ wɔn dɛ.

11Wɔyɛ nkraman a wɔpɛ aduane yie;

wɔnnidi mmee da.

Wɔyɛ nnwanhwɛfoɔ a wɔnni nteaseɛ;

wɔn nyinaa fa wɔn ɛkwan,

obiara pɛ nʼankasa mfasoɔ.

12“Mommra,” obiara team sɛ, “momma me nsã!

Momma yɛnnom nsaden mmoro!

Na ɔkyena bɛyɛ sɛ ɛnnɛ,

ebia ɛbɛsene ɛnnɛ koraa.”

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help