Nehemia 11 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Nnipa No Kɔtena Yerusalem

1Afei, saa ɛberɛ yi, na ɔmanfoɔ no ntuanofoɔ tete Yerusalem, kuropɔn kronkron no mu. Wɔbɔɔ ntonto kronkron wɔ nnipa no a na wɔtete Yuda ne Benyamin nkuro bi no so, yii mu nkyɛmu edu mu baako, ma wɔn nso kɔtenaa hɔ. Na nkaeɛ no deɛ, wɔtenaa deɛ wɔte hɔ ara.

2Na ɔmanfoɔ no kamfoo obiara a ɔfiri ne pɛ mu sane kɔtenaa Yerusalem no.

3Amantam mu mpanimfoɔ a wɔbaa Yerusalem no din na wɔatwerɛ wɔ ha yi. Ɔmanfoɔ no mu fa kɛseɛ a wɔyɛ asɔfoɔ, Lewifoɔ, Asɔredan mu asomfoɔ ne Salomo asomfoɔ asefoɔ no kɔɔ so tenaa wɔn ankasa afie mu wɔ Yuda nkuro ahodoɔ so,

4nanso, nnipa no bi a wɔfiri Yuda ne Benyamin mu no sane kɔtenaa Yerusalem.

Yuda abusuakuo mu nnipa no nie:

Usia babarima Ataia, Sakaria babarima, Amaria babarima, Sefatia babarima, Mahalalel babarima a ɔfiri Peres abusua mu;

5Baruk babarima Maaseia, Kol-Hose babarima, Hasaia babarima, Adaia babarima, Yoiarib babarima, Sakaria babarima a ɔfiri Sela abusua mu.

6Afei, na Peres asefoɔ ahanan ne aduosia nwɔtwe (468) a wɔdi mu no na na wɔte Yerusalem.

7Benyamin abusuakuo no mu nnipa nie:

Mesulam babarima Salu, Yoed babarima, Pedaia babarima, Kolaia babarima, Maaseia babarima, Itiel babarima ne Yesaia babarima;

8na nʼakyiri no na Gabai ne Salai, ne abusuafoɔ ahankron aduonu nwɔtwe (928) ba.

9Wɔn panin pa ara no ne Sikri babarima Yoɛl na Hasenua, a ɔyɛ kuropɔn no sohwɛfoɔ abadiakyire babarima Yuda boaa no.

10Asɔfoɔ no mu nnipa nie:

Yoiarib babarima Yedaia; Yakin;

11ne Hilkia babarima Seraia, Mesulam babarima, Sadok babarima, Meraiot babarima ne Ahitub a na ɔyɛ Onyankopɔn Asɔredan no sohwɛfoɔ babarima,

12ne wɔn mfɛfoɔ aha nwɔtwe aduonu mmienu (822) a, na wɔyɛ adwuma wɔ Asɔredan no mu, ne Yeroham babarima Adaia, Pelalia babarima, Amsi babarima, Sakaria babarima, Pashur babarima, Malkia babarima

13ne ne mfɛfoɔ ahanu aduanan mmienu (242) a wɔyɛ wɔn mmusua ntuanofoɔ. Wɔn a na wɔka ho nso ne Asarel babarima Amasai, Ahsai babarima, Mesilemot babarima, Imer babarima

14ne ne mfɛfoɔ atitire ɔha aduonu nwɔtwe (128). Wɔn panin pa ara a ɔtua wɔn ano no ne Hagedolim babarima Sabdiel.

15Lewifoɔ no nso nie:

Hasub babarima Semaia, Asrikam babarima, Hasabia babarima, Buni babarima;

16ne Sabetai ne Yosabad a na wɔhwɛ Onyankopɔn Asɔredan no mfikyire dwumadie so;

17Mika babarima Matania, Sabdi babarima a ɔyɛ Asaf aseni a ɔde mpaeɛbɔ buee aseda afɔdeɛ som ano;

Bakbukia a na ɔyɛ Matania abadiakyire ne Samua babarima Abda, Galal babarima, Yedutun babarima.

18Ne nyinaa mu, na Lewifoɔ ahanu aduɔwɔtwe ɛnan (284) na na wɔwɔ kuropɔn kronkron no mu.

19Aponoanohwɛfoɔ no nie:

Akub, Talmon ne wɔn mfɛfoɔ ɔha aduɔson mmienu (172) a na wɔwɛn wɔ apono no ano.

20Asɔfoɔ a aka no, Lewifoɔ ne Israelfoɔ nkaeɛ no tenatenaa Yudaman mu baabiara a wɔn agyapadeɛ wɔ.

21Nanso, Asɔredan mu asomfoɔ no a na wɔn ntuanofoɔ yɛ Siha ne Gispa no deɛ, wɔn nyinaa kɔtenaa Ofel kokoɔ so.

22Na ɔpanin pa ara a ɔtua Lewifoɔ a wɔwɔ Yerusalem ano no ne Bani babarima Usi, Hasabia babarima, Matania babarima, Mika babarima a ɔyɛ Asaf aseni, a na nʼabusuafoɔ somm sɛ nnwomtofoɔ wɔ Onyankopɔn asɔredan mu no.

23Na wɔhyɛ ɔhene mmara a ɛkyerɛ deɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ da biara no ase.

24Mesesabel babarima Petahia a ɔyɛ Yuda babarima Serah aseni no yɛ ɔhene ananmusini wɔ ɔman no amammuo mu.

25Yudafoɔ no bi tenaa Kiriat-Arba ne ne nkuraaseɛ, Dibon ne ne nkuraaseɛ ne Yekabseel ne ne nkuraaseɛ.

26Wɔtenatenaa Yesua, Molada, Bet-Pelet,

27Hasar-Sual, Beer-Seba ne ɛho nkuraa so,

28Siklag ne Mekona ne ɛho nkuraa so.

29Na wɔtete En-Rimon, Sora, Yarmut,

30Sanoa ne Adulam ne wɔn nkuraa so nso. Na wɔtete Lakis ne ne mfuo a ɛbemmɛn hɔ no so ne Aseka ne ne nkuraa so nso. Enti, Yudafoɔ no tenatena nsase a ɛfiri Beer-Seba kɔsi Hinom bɔnhwa no mu.

31Benyamin nkurɔfoɔ no bi tenaa Geba, Mikmas, Aya ne Bet-El ne ɛho nkuraa so.

32Ebinom nso tenatenaa Anatot, Nob, Anania,

33Hasor, Rama, Gitaim,

34Hadid, Seboim, Nebalat,

35Lod, Ono ne Adwumfoɔ Bɔnhwa mu nso.

36Wɔmaa Lewifoɔ a na wɔtete Yuda no bi kɔkaa Benyamin abusuakuo no ho, ne wɔn tenaeɛ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help