1Ao Onyankopɔn, adɛn enti na woapo yɛn koraa yi?
Adɛn enti na wʼabofuo hye wʼadidibea nnwan?
2Kae nkurɔfoɔ a wotɔɔ wɔn teteete no,
abusua a ɛyɛ wʼagyapadeɛ a wogyee wɔn no,
Bepɔ Sion, baabi a woteɛ hɔ.
3Dane wo ho kyerɛ mmubuiɛ a ɛda so wɔ hɔ yi so,
saa ɔsɛeɛ a ɔtamfoɔ no de abrɛ wo kronkronbea no.
4Wʼatamfoɔ bobɔɔ mu wɔ baabi a wohyiaa yɛn no;
wɔasisi wɔn mfrankaa sɛ agyiraeɛhyɛdeɛ wɔ hɔ.
5Wɔyɛɛ wɔn sɛ nnipa a wɔrehwim mmonnua
de abubu nnua a ayɛ nkyɛkyerɛ.
6Wɔde wɔn mmonnua ne nname
bubuu nnua a wɔasene adi ho adwinneɛ no.
7Wɔhyee wo kronkronbea no dwerɛbee;
wɔguu baabi a wo Din teɛ no ho fi.
8Wɔkaa wɔ wɔn akoma mu sɛ, “Yɛbɛtiatia wɔn so ayɛ wɔn pasaa!”
Wɔhyee baabiara a wɔsom Onyankopɔn wɔ asase no so.
9Yɛnhunu wo nsɛnkyerɛnneɛ a ɛyɛ nwanwa biara bio;
adiyifoɔ no nyinaa asa,
na yɛn mu biara nnim nna dodoɔ a ɛbɛdie.
10Ao Onyankopɔn, wʼatamfoɔ bɛsere wo akɔsi da bɛn?
Wɔn a wɔkyiri woɔ no bɛgu wo din ho fi daa anaa?
11Adɛn enti na woatwe wo nsa, wo nsa nifa no?
Yi firi wʼatadeɛ mmobɔeɛ no mu na sɛe wɔn.
12Nanso, Ao Onyankopɔn, woyɛ me ɔhene firi tete;
wode nkwagyeɛ ba asase so.
13Ɛyɛ wo na wode wo tumi paee ɛpo mu no;
wopɛkyɛɛ nsuo mu ɔtweaseɛ no ti.
14Wopɛkyɛɛ Lewiatan no ti
na wode no maa ɛserɛ so abɔdeɛ sɛ wɔn aduane.
15Wo na womaa nsuwa ne nsutire tueeɛ;
na womaa nsubɔntene a ɛtene weweeɛ.
16Adekyeeɛ wɔ wo na adesaeɛ nso yɛ wo dea;
wode owia ne ɔsrane sisii hɔ.
17Ɛyɛ wo na wototoo asase so ahyeɛ nyinaa;
wobɔɔ ahuhuro ne awɔ mmerɛ.
18Ao Awurade, kae sɛdeɛ ɔtamfoɔ no sere woɔ,
sɛdeɛ nkwaseafoɔ agu wo din ho fi.
19Mfa wʼaborɔnoma nkwa mma nkekaboa;
mma wo werɛ mfiri wo nkurɔfoɔ a wɔrehunu amane no nkwa afebɔɔ.
20Ma wʼapam no ho nhia wo,
ɛfiri sɛ akakabensɛm ahyɛ asase no so sum ma.
21Mma wɔn a wɔahyɛ wɔn soɔ no anim nngu ase;
ma ahiafoɔ ne mmɔborɔfoɔ nkamfo wo din.
22Ao Onyankopɔn, ma wo ho so na ka wo ara wʼasɛm;
kae sɛdeɛ nkwaseafoɔ sere wo da mu nyinaa.
23Mmu wʼani ngu wɔn a wɔsɔre tia wo no nteateam so,
wʼatamfoɔ gyegyeegye a ɛkɔ soro daa no.
Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ no. Wɔnto no sɛdeɛ wɔto “Nsɛe No” nne so.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
