Yesaia 31 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Wɔn A Wɔde Wɔn Ho To Misraim So No Nnue

1Wɔnnue, wɔn a wɔkɔ Misraim kɔpɛ mmoa,

wɔn a wɔde wɔn ho to apɔnkɔ so,

wɔn a wɔgye wɔn nteaseɛnam dodoɔ

ne wɔn apɔnkɔsotefoɔ ahoɔden mmorosoɔ no die,

na wɔnhwɛ Israel Kronkronni no,

anaasɛ wɔmmpɛ mmoa mfiri Awurade hɔ.

2Nanso, Awurade yɛ onyansafoɔ a ɔbɛtumi de ɔhaw aba;

ɔnsesa nʼano.

Ɔbɛsɔre atia amumuyɛfoɔ efie,

ne wɔn a wɔboa nnebɔneyɛfoɔ.

3Na Misraimfoɔ yi yɛ nnipa kɛkɛ, wɔnyɛ Onyankopɔn.

Wɔn apɔnkɔ yɛ honam na wɔnyɛ honhom.

Sɛ Awurade tene ne nsa a,

ɔboafoɔ bɛhwinti

na deɛ wɔboa no no bɛhwe ase;

wɔn baanu bɛbɔ mu asɛe.

4Yei ne deɛ Awurade ka kyerɛ me:

“Sɛdeɛ gyata pɔ so,

sɛdeɛ gyata hoɔdenfoɔ pɔ ne haboa so no

a mpo sɛ wɔfrɛ nnwanhwɛfoɔ dɔm kɔ ne so a,

wɔn nteateam mmɔ ne hu

na wɔn hooyɛ nso nha no no

saa ara na Asafo Awurade bɛsiane

abɛko wɔ Sion Bepɔ ne ne sorɔnsorɔmmea so.

5Sɛdeɛ nnomaa tu gyina faako wɔ ewiem no

saa ara na Asafo Awurade bɛbɔ Yerusalem ho ban;

ɔbɛbɔ ne ho ban na wagye no,

ɔbɛgyaa no na wagye no asi hɔ.”

6Monsane nkɔ deɛ moayɛ ɛdɔm atia no no, Ao Israelfoɔ.

7Ɛda no mo mu biara bɛpo dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ahoni a mode mo nsa a ɛho agu fi no ayɛ.

8“Asiria bɛhwe ase wɔ akofena a ɛnyɛ onipa deɛ ano;

akofena a ɛnyɛ onipa deɛ bɛsɛe wɔn.

Wɔbɛdwane afiri akofena no ano

na wɔbɛma wɔn mmeranteɛ ayɛ ɔhyɛ adwuma.

9Wɔn aban denden bɛbubu, ehu nti;

wɔhunu akofoɔ frankaa a, wɔn asraafoɔ mpanimfoɔ bɛbɔ huboa,”

sei na Awurade seɛ,

deɛ ne ogya wɔ Sion,

na ne fononoo si Yerusalem no.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help