Mmɛbusɛm 24 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

1Mma wʼani mmerɛ amumuyɛfoɔ,

mfa wo ho mmɔ wɔn;

2Ɛfiri sɛ, wɔn akoma dwene atirimuɔdensɛm ho,

na wɔn ano ka deɛ ɛde basabasayɛ ba ho asɛm.

3Wɔde nyansa na ɛsi efie,

na nhunumu mu na wɔma ɛtim;

4ɛnam nimdeɛ so na wɔnya ademudeɛ a ɛho yɛ na

na ɛyɛ fɛ hyehyɛ nʼadan mu.

5Onyansafoɔ wɔ tumi a ɛso,

na onimdefoɔ nyini ahoɔden mu;

6deɛ ɔretu sa hia akwankyerɛ,

deɛ ɔrepɛ nkonimdie no hia afotufoɔ pii.

7Nyansa wɔ akyiri dodo ma ɔkwasea;

wɔ apono ano dwabɔ mu no ɔnni hwee ka.

8Onipa ɔbɔ pɔ bɔne no

wɔbɛfrɛ no ɔkɔtwebrɛfoɔ.

9Ogyimifoɔ nhyehyɛeɛ yɛ bɔne,

nnipa kyiri ɔfɛdifoɔ.

10Sɛ wʼabamu go wɔ ɔhaw mu a,

na wʼahoɔden sua!

11Gye wɔn a wɔde wɔn rekɔ akɔkum wɔn no nkwa;

na sianka wɔn a wɔtɔ ntintan kɔ akumiiɛ.

12Sɛ woka sɛ, “Na yɛnnim yei ho hwee a,”

deɛ ɔkari akoma hwɛ no nhunu anaa?

Deɛ ɔbɔ wo nkwa ho ban no nnim anaa?

Ɔrentua deɛ obiara ayɛ so ka anaa?

13Me ba, di ɛwoɔ, ɛfiri sɛ ɛyɛ;

ɛwokyɛm mu woɔ yɛ wʼanomu dɛ.

14Hunu nso sɛ nyansa yɛ wo kra dɛ;

sɛ wonya a, wowɔ anidasoɔ ma daakye,

na wʼanidasoɔ renyɛ kwa.

15Nkɔtɛ ɔteneneeni fie sɛ ɔkwanmukafoɔ,

na ɛnkɔto nhyɛ nʼatenaeɛ so,

16Ɛwom sɛ ɔteneneeni hwe ase mpɛn nson deɛ, nanso ɔsɔre bio,

na amumuyɛfoɔ deɛ, amanehunu baako ma wɔhwe ase.

17Sɛ wo ɔtamfoɔ hwe ase a mma ɛnyɛ wo dɛ;

na sɛ ɔsunti a mma wʼakoma nni ahurisie,

18ɛfiri sɛ Awurade bɛhunu wʼadwene na ɔrempɛ

na ɔbɛyi nʼabufuhyeɛ afiri ne so.

19Ɛnha wo ho wɔ abɔnefoɔ enti

na ɛmma wʼani mmere amumuyɛfoɔ nso,

20ɛfiri sɛ, ɔbɔnefoɔ nni anidasoɔ biara daakye,

na wɔbɛdum amumuyɛfoɔ kanea.

21Me ba, suro Awurade ne ɔhene,

na mfa wo ho mmɔ adɔnyɛfoɔ ho,

22ɛfiri sɛ saa baanu yi de ɔsɛeɛ bɛba wɔn so mpofirim,

na hwan na ɔnim amanehunu ko a wɔbɛtumi de aba?

Anyansafoɔ Nsɛnka A Ɛkeka Ho

23Yeinom nso yɛ anyansafoɔ Nsɛnka:

Atemmuo a animhwɛ wɔ mu no nyɛ:

24Obiara a ɔbɛka akyerɛ deɛ ɔdi fɔ sɛ, “Wo ho nni asɛm” no

nnipa bɛdome no na amanaman remmɔ no din pa.

25Na wɔn a wɔbu afɔdifoɔ fɔ no ɛbɛsi wɔn yie,

na nhyira bɛba wɔn so.

26Mmuaeɛ pa

te sɛ mfeano.

27Wie wo mfikyidwuma

na siesie wo mfuo;

ɛno akyi, si wo fie.

28Nni adanseɛ ntia ɔyɔnko a ɔnyɛɛ wo hwee,

na mfa wʼano nnaadaa.

29Nka sɛ, “Deɛ wayɛ me no me nso mɛyɛ no bi;

deɛ ɔyɛeɛ no metua ne so ka.”

30Menante faa onihafoɔ afuo ho

twaa mu wɔ deɛ ɔnni adwene bobefuo nso ho;

31nkasɛɛ afu wɔ baabiara,

wira afu akata asase no so,

na aboɔ afasuo no nso abubu.

32Mede mʼadwene kɔɔ deɛ mehunuiɛ no so

na mesuaa biribi firii mu:

33nna kakra, nkotɔ kakra,

nsa a woabobɔ de rehome kakra,

34bɛma ohia aba wo so sɛ ɔkwanmukafoɔ

na nneɛma ho nna bɛba wo so sɛ obi a ɔkura akodeɛ. Na ohia bɛto akyere wo sɛ ɔkwanmukafoɔ; ahokyere bɛtoa wo sɛ ɔkorɔmfoɔ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help