Yeremia 6 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Atamfoɔ Atwa Yerusalem Ho Ahyia

1“Benyaminfoɔ monnwane nkɔbɔ mo ho adwaa!

Monnwane mfiri Yerusalem!

Monhyɛne totorobɛnto no wɔ Tekoa!

Monsi frankaa no wɔ Bet-Hakerem!

Ɛfiri sɛ amanehunu bobɔ firi atifi fam,

ɔsɛeɛ bi a ɛyɛ hu.

2Mɛsɛe Ɔbabaa Sion

ɔhoɔfɛfoɔ sɔɔnɔ no.

3Atamfoɔ bɛba abɛtwa ne ho ahyia te sɛ nnwanhwɛfoɔ;

wɔbɛsisi wɔn ntomadan atwa ne ho ahyia

na wɔn mu biara bɛhwɛ ne kyɛfa so.”

4“Monsiesie mo ho ne no nkɔko!

Monsɔre, momma yɛnkɔto nhyɛ ne so owigyinaeɛ!

Nanso, hwɛ, onwunu redwo,

na anwummerɛ sunsumma reyɛ tenten.

5Enti, monsɔre momma yɛnkɔto nhyɛ ne so anadwo

na yɛnsɛe nʼaban hodoɔ!”

6Deɛ Asafo Awurade seɛ nie:

“Montwitwa nnua no ngu fam

na monsisi epie ntia Yerusalem.

Ɛsɛ sɛ wɔtwe kuropɔn yi aso;

nhyɛsoɔ ahyɛ no ma.

7Sɛdeɛ abura pu ne nsuo no,

saa ara nso na ɔpu nʼamumuyɛ.

Wɔte awurukasɛm ne ɔsɛeɛ nka wɔ ne mu;

ne yadeɛ ne nʼapirakuro wɔ mʼanim daa.

8Fa kɔkɔbɔ, Ao Yerusalem,

anyɛ saa a metwe me ho afiri wo ho

na mama wʼasase ada mpan

a obiara ntumi ntena soɔ.”

9Deɛ Asafo Awurade seɛ nie:

“Ma wɔnyiyi Israel nkaeɛfoɔ no mu yie

sɛdeɛ wɔyiyi bobe mu;

fa wo nsa fa mman no so bio,

sɛ obi a ɔretete bobe aba.”

10Hwan na mɛtumi akasa akyerɛ no na mabɔ no kɔkɔ?

Hwan na ɔbɛtie me?

Wɔn aso asisi

enti wɔnte asɛm.

Awurade asɛm yɛ akyiwadeɛ ma wɔn

na wɔn ani nnye ho.

11Nanso Awurade abufuhyeɛ ahyɛ me ma,

na mentumi nkora so.

“Hwie gu mmɔfra a wɔwɔ mmɔntene so

ne mmaranteɛ a wɔahyia;

ɛbɛka okunu ne ɔyere,

mmasiriwa ne wɔn a onyini adoko wɔn.

12Sɛ metene me nsa

wɔ wɔn a wɔte asase no so a

wɔbɛdane wɔn afie ama afoforɔ,

na wɔn mfuo ne wɔn yerenom bɛka ho,”

sɛdeɛ Awurade seɛ nie.

13“Ɛfiri akumaa so kɔsi ɔkɛseɛ so,

wɔn nyinaa yɛ adifudepɛfoɔ de pɛ ahonya;

adiyifoɔ ne asɔfoɔ te saa,

wɔn nyinaa yɛ asisifoɔ.

14Wɔmia me nkurɔfoɔ apirakuro

te sɛ deɛ ɛnyɛ hu.

Wɔka sɛ, ‘Asomdwoeɛ, asomdwoeɛ’

wɔ mmerɛ a asomdwoeɛ nni hɔ.

15Wɔn ani wu wɔ wɔn animguaseɛ nneyɛɛ no ho anaa?

Dabi, wɔn ani nnwu koraa;

wɔnnim fɛreɛ mpo.

Enti sɛ metwe wɔn aso a, wɔbɛtotɔ wɔ atɔfoɔ mu;

wɔbɛhwehwe ase,”

sɛdeɛ Awurade seɛ nie.

16Yei ne deɛ Awurade seɛ,

“Monnyina nkwantanan no so na monhwɛ;

mommisa tete akwan no,

mommisa baabi a ɛkwan pa no da na monnante so,

na mobɛnya homeɛ ama mo akra.

Nanso mokaa sɛ, ‘yɛnnante so.’

17Mede awɛmfoɔ sisii mo so na mekaa sɛ,

‘Montie totorobɛnto nnyegyeeɛ no!’

Nanso, mokaa sɛ, ‘Yɛrentie.’

18Ɛno enti, monyɛ aso, Ao amanaman;

monhwɛ, Ao adansefoɔ,

deɛ ɛbɛto wɔn.

19Yɛ aso, Ao asase:

Mede amanehunu reba saa nnipa yi so,

wɔn nneyɛɛ so aba,

ɛfiri sɛ wɔantie me nsɛm

na wɔapo me mmara.

20Nnuhwam a ɛfiri Seba

anaa ahwedeɛ pa a ɛfiri akyirikyiri asase so fa me ho bɛn?

Mennye wo hyeɛ afɔdeɛ no nto mu;

wʼafɔrebɔ ahodoɔ no nsɔ mʼani.”

21Ɛno enti, deɛ Awurade seɛ nie:

“Mede akwansideɛ bɛgu saa nkurɔfoɔ yi anim.

Agyanom ne mmammarima nyinaa bɛsuntisunti wɔ so;

ayɔnkofoɔ ne nnamfonom bɛyera.”

22Sɛdeɛ Awurade seɛ nie:

“Monhwɛ, akodɔm bi reba,

wɔfiri atifi fam asase so;

wɔrekanyane ɔman kɛseɛ bi

afiri nsase ano.

23Wɔkurakura bɛmma ne pea;

wɔn tirim yɛ den, na wɔnni ahummɔborɔ.

Wɔn nnyegyeeɛ te sɛ ɛpo asorɔkye.

Sɛ wɔtete wɔn apɔnkɔ so a,

wɔba te sɛ mmarima a wɔrekɔ ɔko.

Wɔrebɛto ahyɛ wo so, Ao Ɔbabaa Sion.”

24Yɛate wɔn ho nsɛm,

na yɛn nsa sesa yɛn ho sɛ deɛ awu.

Ehu akyekyere yɛn

ɔyea aba wɔn so, te sɛ ɔbaa a ɔreko awoɔ.

25Mfiri adi nkɔ wiram

na nnante akwan no so,

ɛfiri sɛ ɔtamfoɔ no wɔ akofena,

na baabiara ayɛ hu.

26Ao me nkurɔfoɔ, monfira ayitoma

na mommunimuni nsõ mu.

Momfa adwadwotwa yaaya nni awerɛhoɔ

sɛdeɛ wɔsu ma ɔbabarima korɔ,

ɛfiri sɛ mpofirim ara ɔsɛefoɔ no

bɛba yɛn so.

27“Mayɛ wo obi a ɔsɔ fagudeɛ hwɛ

na me nkurɔfoɔ yɛ dadeben,

a wobɛhwɛ wɔn

na woasɔ wɔn akwan ahwɛ.

28Wɔn nyinaa yɛ atuatefoɔ a wɔyɛ den,

wɔnenam di nsekuro.

Wɔyɛ den sɛ kɔbere ne dadeɛ;

wɔn nyinaa yɛ wɔn adeɛ wɔ porɔeɛ ɛkwan so.

29Afa no bɔ mframa denden

de ogya nane sumpii no,

nanso ahobereɛ no yɛ ɔkwa.

Ɛntumi nyiyii bɔne no mfirii wɔn mu.

30Mɛfrɛ wɔn dwetɛ a wɔapo,

ɛfiri sɛ Awurade apo wɔn.”

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help