Yona Nnianimu - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

NnianimuAsiria yɛ Israelfoɔ atamfoɔ kɛseɛ. Asiriaman yi de atirimuɔden ne tumitrasoɔ dii Israelfoɔ so. Onyankopɔn somaa Yona sɛ ɔnkɔ Ninewe, a ɛyɛ Asiria kuropɔn no mu, nkɔka nkyerɛ wɔn na wɔnsakyera wɔn adwene.Yona Nwoma yi ka sɛdeɛ odiyifoɔ yi dwaneeɛ, nanso Onyankopɔn sanee no ma ɔkɔyɛɛ Onyankopɔn apɛdeɛ. Ɔkɔkaa asɛmpa no maa nnipa no sakyeraa wɔn adwene; na asotweɛ a anka ɛbɛba ɔman no so no paree wɔn. Yona bo annwo wɔ yei ho enti Onyankopɔn kaa nʼanim wɔ ne pɛsɛmenkomenya ne ahummɔborɔ a ɔnni no ho.Nwoma yi ma yɛhunu Onyankopɔn dɔ, ayamyɛ ne ayamhyehyeɛ a ɔwɔ ma ne mma nyinaa. Onyankopɔn de bɔne kyɛ, na nʼatamfoɔ a wɔsakyera wɔn adwene no, ɔgye wɔn nkwa.Emu NsɛmYona frɛ ne nʼasoɔden (1.1-17)Yona amanehunu ne ne gyeɛ (2.1-10)Yona kasa tia Ninewe (3.1-10)Onyankopɔn hunu Ninewe mmɔbɔ (4.1-11)
Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help