Mmɛbusɛm 20 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

1Nsa yɛ ɔfɛdifoɔ na nsaden yɛ ntɔkwapɛfoɔ;

na obiara a nsã bɛma wafom ɛkwan no nnyɛ onyansafoɔ.

2Ɔhene abufuhyeɛ te sɛ gyata mmobom;

na deɛ ɔhyɛ no abufuo no de nkwa twa so.

3Ɛyɛ onipa animuonyam sɛ ɔbɛkwati akasakasa,

nanso ogyimifoɔ biara pɛ ntɔkwa.

4Onihafoɔ mfuntum nʼasase wɔ ne berɛ mu;

enti ɛduru twaberɛ a ɔnnya hwee.

5Onipa akoma apɛdeɛ yɛ subunu mu,

nanso onipa a ɔwɔ nhunumu no twetwe.

6Nnipa dodoɔ no ara ka sɛ wɔwɔ ɔdɔ a ɛnsa da,

na hwan na ɔbɛtumi ahunu ɔnokwafoɔ?

7Ɔteneneeni bu ɔbra kronkron;

nhyira ne ne mma a wɔba nʼakyi.

8Sɛ ɔhene tena nʼahennwa so bu atɛn a,

ɔde nʼani huhu bɔne nyinaa so gu.

9Hwan na ɔbɛtumi aka sɛ, “Mapra mʼakoma mu;

meyɛ kronn na menni bɔne”?

10Nkariboɔ ne susudua a ɛnyɛ papa no

Awurade kyiri ne mmienu.

11Mpo wɔnam abɔfra nneyɛɛ so hunu no,

sɛ ne suban yɛ kronn ne papa.

12Aso a wɔde te asɛm ne ani a wɔde hunu adeɛ,

Awurade na wayɛ ne mmienu.

13Mma nna nyɛ wo dɛ, na woanni hia;

ɛnna, na wobɛnya aduane ama abu so.

14Ɔtɔfoɔ ka sɛ, “Ɛnyɛ, ɛnyɛ!”

nanso sɛ ɔkɔ a, ɔde deɛ watɔ no hoahoa ne ho.

15Sika kɔkɔɔ wɔ hɔ, na nhwenepa nso abu so,

na ano a ɛka nimdeɛ nsɛm yɛ ɔbohemaa a ɛho yɛ nna.

16Fa obi a ɔdi ɔhɔhoɔ akagyinamu atadeɛ;

sɛ ɔregyina ɔbaa huhufoɔ akyi a, fa si awowa.

17Aduane a wɔnya no ɛkwan bɔne so no yɛ onipa anomu dɛ,

nanso akyire no ɛdane mmosea wɔ nʼanom.

18Pɛ afotuo yɛ wo nhyehyɛeɛ;

sɛ wotu ɔsa a, nya ho akwankyerɛ.

19Osekuni da kokoamsɛm adi;

enti twe wo ho firi onipa a ɔkasa bebree ho.

20Sɛ obi dome nʼagya anaasɛ ne maame a,

wɔbɛdum ne kanea wɔ esum kabii mu.

21Agyapadeɛ a wɔpere ho nya no ahyɛaseɛ no

renyɛ nhyira akyire no.

22Nka sɛ, “Mɛtua wo saa bɔne yi so ka!”

Twɛn Awurade, na ɔbɛgye wo.

23 Awurade kyiri nkariboɔ a ɛnyɛ papa,

na nsisie nsania nso nsɔ nʼani.

24 Awurade na ɔkyerɛ onipa anammɔntuo.

Na ɛbɛyɛ dɛn na obi bɛte nʼankasa akwan ase?

25Obi pɛ ntɛm hyɛ bɔ, ansa na wadwene ho a,

ɔsum ne ho afidie.

26Ɔhene nyansafoɔ hunu amumuyɛfoɔ;

na ɔde ayuyamfidie hankra fa wɔn so.

27 Awurade kanea hwehwɛ onipa honhom mu,

ɛhwehwɛ ne mu baabiara.

28Ɔdɔ ne nokorɛdie bɔ ɔhene ho ban;

nʼadɔeɛ ma nʼahennwa tim.

29Mmeranteɛ animuonyam ne wɔn ahoɔden,

tidwono nso ne mmasiriwa animuonyam.

30Ɔhweɛ ne apirakuro hohoro amumuyɛ

mmaaka te akoma mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help