1 Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:
2“Onipa ba, fa wʼani kyerɛ Amonfoɔ so na hyɛ nkɔm tia wɔn.
3Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Montie Otumfoɔ Awurade asɛm. Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Esiane sɛ wokaa “Ahaa” guu me kronkronbea so ɛberɛ a wɔguu ho fi ne Israel asase ɛberɛ a ɛdaa mpan, ne Yudafoɔ ɛberɛ a wɔkɔɔ nnommumfa mu
4enti, mede mo rebɛma nnipa a wɔfiri Apueeɛ fam na wɔde mo ayɛ wɔn dea. Wɔbɛkyekyere wɔn nsraban, asisi wɔn ntomadan wɔ mo mu; wɔbɛdi mo nnuaba na wɔanom mo nufosuo.
5Mɛdane Raba ayɛ no yoma adidibea na Amon ayɛ baabi a nnwan gye wɔn ahome. Afei mobɛhunu sɛ mene Awurade no.
6Na sei na Otumfoɔ Awurade sɛe: Esiane sɛ moabɔ mo nsam de mo nan apempem hɔ, na mo de akoma mu bɔne nyinaa adi ahurisie atia Israel asase enti,
7mɛtene me nsa atia mo na moayɛ afodeɛ ama amanaman no. Mɛtwa mo afiri amanaman no mu na matɔre mo ase wɔ nsase no mu. Mɛsɛe mo na mobɛhunu sɛ mene Awurade no.’ ”
Nkɔmhyɛ A Ɛtia Moab8“Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: ‘Esiane sɛ Moab ne Seir kaa sɛ, “Monhwɛ, Yuda efie ayɛ sɛ amanaman a aka no”
9enti, mɛbue Moab nkyɛn mu, afiri nkuro a ɛdeda nʼahyeɛ so, Bet-Yesimot, Baal-Meon ne Kiriataim, a ɛyɛ asase no animuonyam.
10Na mede Moab bɛka Amonfoɔ ho ama nnipa a wɔwɔ Apueeɛ fam de ayɛ wɔn dea, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔrenkae Amonfoɔ wɔ amanaman no mu;
11na mɛtwe Moab aso. Na wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no.’ ”
Nkɔmhyɛ A Ɛtia Edom12“Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: ‘Esiane sɛ Edom tɔɔ werɛ wɔ Yuda efie so na ɔnam so dii fɔ no enti,
13deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie: Mɛtene me nsa atia Edom na makum ne mmarima ne ne mmoa. Mɛma asase a ɛda Teman kɔsi Dedan ada mpan, na wɔbɛtotɔ wɔ akofena ano.
14Me nkurɔfoɔ Israelfoɔ bɛyɛ nsa a mɛfa so atɔ Edom so wereɛ na wɔ ne no bɛdi no sɛdeɛ mʼabufuo ne mʼabufuhyeɛ teɛ; wɔbɛhunu mʼaweretɔ, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.’ ”
Nkɔmhyɛ A Ɛtia Filistia15“Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: ‘Esiane sɛ Filistifoɔ tɔɔ awere, na wɔde akoma mu nsusuiɛ bɔne na ɛyɛɛ saa, na wɔde ɔtane a ɛfiri tete sɛee Yuda enti,
16sɛdeɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie: Merebɛtene me nsa atia Filistifoɔ, na matwa Keretifoɔ no agu na masɛe wɔn a wɔaka wɔ mpoano hɔ no.
17Mɛtɔ wɔn so were a ɛso, na matwe wɔn aso wɔ mʼabufuhyeɛ mu. Na sɛ metɔ wɔn so were a, wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no.’ ”
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.