1Nhyira nka wɔn a wɔn akwan yɛ pɛ
na wɔnante sɛdeɛ Awurade mmara kyerɛ.
2Nhyira nka wɔn a wɔkora nʼahyɛdeɛ,
na wɔfiri wɔn akoma nyinaa mu hwehwɛ no.
3Wɔnnyɛ mfomsoɔ biara;
na wɔnam nʼakwan so.
4Woayɛ nkyerɛkyerɛ pa ato hɔ
a ɛsɛ sɛ wɔdi so pɛpɛɛpɛ.
5Ao sɛ mʼakwan bɛyɛ tee
sɛdeɛ wo ɔhyɛ nsɛm no teɛ.
6Sɛ mehwɛ wʼahyɛdeɛ no a
ɛnneɛ, anka mʼanim rengu ase.
7Mede akoma a emu teɛ bɛkamfo wo
ɛberɛ a meresua wo mmara a ɛtene no.
8Mɛdi wo ɔhyɛ nsɛm so;
na nnya me korakora.
Awurade Mmara Ho Setie9Aberanteɛ bɛyɛ dɛn na nʼakwan ho ate?
Ɛsɛ sɛ ɔdi wʼasɛm so.
10Mede mʼakoma nyinaa hwehwɛ wo;
mma me mmane mfiri wo mmaransɛm ho.
11Mede wʼasɛm asie mʼakoma mu
sɛdeɛ merenyɛ bɔne ntia wo.
12Ao Awurade, nkamfo wɔ wo;
kyerɛkyerɛ me wo ɔhyɛ nsɛm.
13Mede mʼano ka mmara
a ɛfiri wʼanomu nyinaa.
14Mʼani gye sɛ medi wʼahyɛdeɛ so
te sɛdeɛ obi anigye ahonya bebree ho no.
15Medwendwene wo nkyerɛkyerɛ ho
na mehwehwɛ wʼakwan mu.
16Mʼani gye wo ɔhyɛ nsɛm ho;
na merentoto wʼasɛm ase.
Awurade Mmara Mu Ahotɔ17Yɛ wo ɔsomfoɔ yie;
na matena ase adi wʼasɛm so.
18Bue mʼani na menhunu anwanwadeɛ a
ɛwɔ wo mmara no mu.
19Meyɛ ɔnanani wɔ asase so;
mfa wo mmaransɛm no nhinta me.
20Me kra tɔ baha ɛberɛ biara
wɔ wo mmara ho anigyina enti.
21Woka ahantanfoɔ anim, wɔn a wɔadome wɔn,
na wɔmane firi wo mmaransɛm ho no.
22Yi kasatia ne animtiabuo firi me mu,
ɛfiri sɛ medi wʼahyɛdeɛ so.
23Ɛwom sɛ sodifoɔ hyia di me ho nsekuro,
nanso wo ɔsomfoɔ bɛdwendwene wo ɔhyɛ nsɛm ho.
24Wʼahyɛdeɛ yɛ mʼanigyedeɛ
na ɛyɛ me fotufoɔ.
Awurade Mmara Sodie Ho Bɔhyɛ25Woabrɛ me ase ma meda mfuturo mu.
Kyɛe me nkwa so sɛdeɛ wʼasɛm no teɛ.
26Mesesee mʼakwan na wogyee me so;
kyerɛkyerɛ me wo ɔhyɛ nsɛm.
27Ma mente deɛ ɛwɔ wo nkyerɛkyerɛ mu ase;
na mɛdwendwene wʼanwanwadeɛ ho.
28Awerɛhoɔ ama me ɔkra atɔ baha;
hyɛ me den sɛdeɛ wʼasɛm no kyerɛ.
29Yi me firi nnaadaa akwan so;
na fa wo mmara so dom me.
30Mafa nokorɛ kwan no so;
mede mʼakoma adi wo mmara akyi.
31Ao Awurade, mekura wo nkyerɛkyerɛ mu denden
mma mʼanim ngu ase.
32Metu mmirika wɔ wo mmaransɛm kwan no so,
ɛfiri sɛ wama mʼakoma atɔ me yam.
Nteaseɛ Ho Mpaeɛbɔ33Kyerɛkyerɛ me, Ao Awurade, na menni wo ɔhyɛ nsɛm so,
na mɛdi so akɔsi awieeɛ.
34Ma me nteaseɛ, na mɛdi wo mmara so,
na mede mʼakoma nyinaa bɛdi so.
35Kyerɛ me wo mmaransɛm kwan no
na ɛhɔ na menya anigyeɛ.
36Dane mʼakoma kɔ wʼahyɛdeɛ ho
na ɛmfiri pɛsɛmenkomenya ho.
37Yi mʼani firi nneɛma hunu so;
na kyɛe me nkwa so sɛdeɛ wʼasɛm teɛ.
38Di ɛbɔ a woahyɛ wo ɔsomfoɔ no so,
na wasuro wo.
39Yi animguaseɛ a ɛbɔ me hu no firi hɔ,
ɛfiri sɛ wo mmara yɛ papa.
40Mʼani agyina wo nkyerɛkyerɛ no!
Kyɛe me nkwa so wɔ wo tenenee mu.
Awurade Mmara Ho Ahotosoɔ41Ao Awurade, ma wo dɔ a ɛnsa da no mmra me so,
wo nkwagyeɛ no sɛdeɛ wo bɔhyɛ no teɛ.
42Afei, mɛbua deɛ ɔyi me ahi no,
ɛfiri sɛ mewɔ wʼasɛm mu ahotosoɔ.
43Nyi nokwasɛm no mfiri mʼanom,
ɛfiri sɛ mʼanidasoɔ wɔ wo mmara mu.
44Mɛdi wo mmara so ɛberɛ biara
akɔsi daa apem.
45Mede ahofadie bɛnante
ɛfiri sɛ mahwehwɛ wo nkyerɛkyerɛ.
46Mɛka wʼahyɛdeɛ ho asɛm wɔ ahemfo anim
na mʼanim rengu ase,
47ɛfiri sɛ mʼani gye wo mmaransɛm ho
na medɔ no.
48Mede anidie ma wo mmaransɛm a medɔ no,
na medwendwene wo ɔhyɛ nsɛm ho.
Awurade Mmara No Mu Ahotosoɔ49Kae asɛm a woaka akyerɛ wo ɔsomfoɔ,
ɛfiri sɛ woama me anidasoɔ.
50Mʼawerɛkyekyerɛ wɔ mʼamanehunu mu ne sɛ:
Wo bɔhyɛ kyɛe me nkwa so.
51Ahantanfoɔ bu me animtia bebree,
nanso mennane mfiri wo mmara ho.
52Ao Awurade mekae wo tete mmara no,
na menya awerɛkyekyerɛ wɔ mu.
53Abufuo hyɛ me ma, ɛsiane amumuyɛfoɔ
a wɔapo wo mmara enti.
54Wo ɔhyɛ nsɛm yɛ me dwom tiban
wɔ baabiara a mesoɛ.
55Ao Awurade, anadwo mekae wo din,
na mɛdi wo mmara so.
56Yei ne adeɛ a meyɛ da biara,
medi wo nkyerɛkyerɛ so.
Ahofama Wɔ Awurade Mmara So Die Mu57Ao Awurade, wone me kyɛfa;
mahyɛ bɔ sɛ mɛdi wo nsɛm so.
58Mede mʼakoma nyinaa ahwehwɛ wo;
hunu me mmɔbɔ sɛdeɛ wo bɔhyɛ no teɛ.
59Madwene mʼakwan ho
na madane mʼanammɔntuo akyerɛ wʼahyɛdeɛ.
60Mɛyɛ ntɛm, merentwentwɛn
sɛ mɛdi wo mmaransɛm soɔ.
61Ɛwom sɛ amumuyɛfoɔ de ahoma kyekyere me
nanso me werɛ remfiri wo mmara.
62Ɔdasuom, mesɔre de wʼaseda ma wo
wo mmara a ɛtene enti.
63Meyɛ wɔn a wɔsuro woɔ nyinaa adamfo,
wɔn a wɔdi wo nkyerɛkyerɛ soɔ nyinaa.
64Ao Awurade, wʼadɔeɛ ahyɛ asase so ma;
kyerɛkyerɛ me wo ɔhyɛ nsɛm.
Awurade Mmara So Die Ho Mfasoɔ65Wo ne wo ɔsomfoɔ nni no yie
sɛdeɛ wʼasɛm teɛ, Ao Awurade.
66Kyerɛkyerɛ me nimdeɛ ne atemmuo pa,
ɛfiri sɛ megye wo mmaransɛm no di.
67Ansa na merebɛhunu amane no, mefomm ɛkwan,
na seesei deɛ, medi wʼasɛm so.
68Woyɛ, na deɛ woyɛ nso yɛ;
kyerɛkyerɛ me wo ɔhyɛ nsɛm.
69Ahantanfoɔ de atorɔ afɔre me ho,
nanso mede mʼakoma nyinaa di wo nkyerɛkyerɛ so.
70Wɔn akoma yɛ den na wɔnni tema,
nanso mʼani gye wo mmara ho.
71Ɛyɛ sɛ mehunuu amane
sɛdeɛ mɛsua wo ɔhyɛ nsɛm.
72Mmara a ɛfiri wʼanomu no som bo ma me
sene dwetɛ ne sikakɔkɔɔ mpempem.
Nokorɛ A Ɛwɔ Awurade Mmara Mu73Wo nsa na ɛbɔɔ me na ɛnwonoo me;
ma me nteaseɛ a mede bɛsua wo mmaransɛm.
74Sɛ wɔn a wɔsuro wo no hunu me a, ma wɔn ani nnye,
ɛfiri sɛ mede mʼanidasoɔ ahyɛ wʼasɛm mu.
75Ao Awurade, menim sɛ wo mmara tene,
na nokorɛdie mu na woatwe mʼaso.
76Ma wʼadɔeɛ a ɛnsa da nkyekyere me werɛ
sɛdeɛ ɛbɔ a woahyɛ wo ɔsomfoɔ no teɛ.
77Ma wʼayamhyehyeɛ mmra me so, na mennya nkwa,
ɛfiri sɛ mʼani ka wo mmara ho.
78Ma ahantanfoɔ ani nwu wɔ bɔne a wɔyɛɛ me,
nanso, mɛdwendwene wo nkyerɛkyerɛ ho.
79Ma wɔn a wɔsuro wo no mmra me nkyɛn,
wɔn a wɔte wo mmara ase no.
80Ma mʼakoma nnya bembuo wɔ wo ɔhyɛ nsɛm ho,
na mʼanim angu ase.
Ɔgyeɛ Mpaeɛbɔ81Wo nkwagyeɛ ho anigyina ama me ɔkra atɔ baha,
nanso mede mʼanidasoɔ ahyɛ wʼasɛm mu.
82Mahwɛ wo bɔhyɛ anim ama mʼani abu;
meka sɛ, “Da bɛn na wobɛkyekyere me werɛ?”
83Ɛwom sɛ mete sɛ nsã kotokuo a ɛsɛn wisie ano deɛ,
nanso me werɛ remfiri wo ɔhyɛ nsɛm.
84Wo ɔsomfoɔ ntwɛn nkɔsi da bɛn?
Da bɛn na wobɛtwe wɔn a wɔtaa me no aso?
85Ahantanfoɔ atu amena de asum me afidie,
a ɛne wo mmara bɔ abira.
86Wo mmaransɛm nyinaa mu wɔ ahotosoɔ;
boa me ɛfiri sɛ nnipa teetee me kwa.
87Ɛkaa kakra bi na wɔyi me firi asase so,
nanso mennyaa wo nkyerɛkyerɛ so die.
88Kyɛe me nkwa so sɛdeɛ wʼadɔeɛ teɛ,
na mɛdi nkyerɛkyerɛ a ɛfiri wʼanomu no so.
Awurade Mmara Mu Gyidie89Ao Awurade, wʼasɛm no tim hɔ daa;
ɛgyina hɔ pintinn wɔ ɔsorosoro.
90Wo nokorɛdie kɔ so wɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu;
wode asase sii hɔ, na ɛtim hɔ.
91Wo mmara wɔ hɔ bɛsi ɛnnɛ,
na nneɛma nyinaa som wo.
92Sɛ mʼani anka wo mmara no ho a,
anka mʼamanehunu akum me.
93Me werɛ remfiri wo nkyerɛkyerɛ no,
ɛfiri sɛ ɛno so na wonam akyɛe me nkwa so.
94Gye me nkwa, na meyɛ wo dea;
na mahwehwɛ wo nkyerɛkyerɛ no.
95Amumuyɛfoɔ retwɛn sɛ wɔbɛsɛe me,
nanso, mɛdwendwene wʼahyɛdeɛ ho.
96Mahunu sɛ pɛyɛ nyinaa wɔ deɛ ɛkɔpem;
nanso wo mmaransɛm no nni hyeɛ.
Awurade Mmara Ho Ɔdɔ97Ao medɔ wo mmara no!
Medwendwene ho ɛda mu nyinaa.
98Wo mmaransɛm ma me hunu nyansa sene mʼatamfoɔ,
ɛfiri sɛ ɛwɔ me nkyɛn daa.
99Mewɔ nhunumu sene mʼakyerɛkyerɛfoɔ nyinaa,
ɛfiri sɛ medwendwene wʼahyɛdeɛ ho.
100Mewɔ nteaseɛ sene mpanimfoɔ,
ɛfiri sɛ medi wo nkyerɛkyerɛ so.
101Memfaa me nan nsii ɛkwan bɔne biara so
sɛdeɛ mɛtumi ayɛ ɔsetie ama wʼasɛm.
102Memmane memfirii wo mmara ho,
ɛfiri sɛ wʼankasa na woakyerɛkyerɛ me.
103Wo nsɛm yɛ me dɛ,
ɛyɛ dɛ sene ɛwoɔ wɔ mʼanom.
104Menya nteaseɛ firi wo nkyerɛkyerɛ mu;
enti mekyiri ɛkwan bɔne biara.
Awurade Mmara Yɛ Kanea105Wʼasɛm yɛ me nan ase kanea
ne mʼakwan so hann.
106Maka ntam ahyɛ mu kena sɛ
mɛdi wo tenenee mmara no so.
107Mahunu amane bebree;
kyɛe me nkwa so, Ao Awurade, sɛdeɛ wʼasɛm teɛ.
108Ao Awurade, ma wʼani nsɔ mʼanom nkamfo a ɛfiri me pɛ mu,
na kyerɛkyerɛ me wo mmara.
109Ɛwom sɛ daa metoto me nkwa ase,
nanso me werɛ remfiri wo mmara.
110Amumuyɛfoɔ asum me afidie
nanso memfom memfirii wo nkyerɛkyerɛ ho.
111Wʼahyɛdeɛ yɛ mʼagyapadeɛ afebɔɔ;
ɛma mʼakoma ani gye.
112Mʼakoma ayɛ krado sɛ ɛbɛhwɛ wo ɔhyɛ nsɛm so
akɔsi awieeɛ.
Awurade Mmara Mu Banbɔ113Mekyiri nnipa a wɔn adwene yɛ wɔn ntanta,
na medɔ wo mmara.
114Wone me dwanekɔbea ne me kyɛm;
mede mʼanidasoɔ ahyɛ wʼasɛm mu.
115Momfiri me so nkɔ, mo nnebɔneyɛfoɔ,
na menni me Onyankopɔn mmaransɛm so!
116Wowa me sɛdeɛ wo bɔhyɛ no teɛ, na mɛtena nkwa mu;
mma mʼanidasoɔ nyɛ kwa.
117Sɔ me mu, na menya nkwagyeɛ;
na ɛberɛ biara mɛhwɛ wo ɔhyɛ nsɛm no.
118Wopo wɔn a wɔfom wo ɔhyɛ nsɛm nyinaa,
na wɔn nnaadaa no yɛ ɔkwa.
119Woyi amumuyɛfoɔ nyinaa si nkyɛn sɛ dadeben;
enti medɔ wʼahyɛdeɛ.
120Wo ho suro ma me ho popo;
wo mmara abɔ me hu.
Awurade Mmara No Setie121Mayɛ deɛ ɛtene na ɛyɛ pɛ.
Nnyaa me mma wɔn a wɔhyɛ me soɔ!
122Hwɛ ma wo ɔsomfoɔ nni yie;
mma ahantanfoɔ nhyɛ me so.
123Mahwɛ wo nkwagyeɛ anim ama mʼani abu,
ɛrehwehwɛ wo bɔhyɛ a ɛtene no.
124Wo ne wo ɔsomfoɔ nni no sɛdeɛ wʼadɔeɛ teɛ
na kyerɛkyerɛ me wo ɔhyɛ nsɛm.
125Meyɛ wo ɔsomfoɔ; ma me nhunumu
na mate wʼahyɛdeɛ ase.
126Ao Awurade, ɛberɛ aso sɛ woyɛ biribi;
wɔrebu wo mmara so.
127Esiane sɛ medɔ wo mmaransɛm
sene sikakɔkɔɔ, anaa sikakɔkɔɔ amapa,
128na medwene sɛ wo nkyerɛkyerɛ nyinaa yɛ enti
mekyiri ɛkwan bɔne biara.
Pere Sɛ Wobɛdi Awurade Mmara So129Wʼahyɛdeɛ yɛ nwanwa;
enti medi so.
130Wo nsɛm ase teɛ ma hann;
na ɛma ntetekwaa nya nteaseɛ.
131Mebue mʼanom na megu ahome,
na mʼani gyina wo mmaransɛm.
132Dane wʼani hwɛ me na hunu me mmɔbɔ
sɛdeɛ woyɛ daa ma wɔn a wɔdɔ wo din no.
133Tutu mʼanammɔn sɛdeɛ wʼasɛm no teɛ.
Mma bɔne biara nni me so.
134Gye me firi nnipa nhyɛsoɔ mu,
na madi wo nkyerɛkyerɛ so.
135Ma wʼanim nhyerɛn wo ɔsomfoɔ so
na kyerɛkyerɛ me wo ɔhyɛ nsɛm.
136Nisuo adware me sɛ asutene
ɛfiri sɛ nnipa nni wo mmara so.
Awurade Mmara Yɛ Pɛ137Ɔteneneeni ne wo, Ao Awurade,
na wo mmara nso yɛ pɛ.
138Ahyɛdeɛ a woayɛ no tene;
ɛyɛ deɛ wɔnya mu ahotosoɔ pa ara.
139Abufuo ahyɛ me ma,
ɛfiri sɛ mʼatamfoɔ bu wɔn ani gu wo nsɛm no.
140Wɔasɔ wo bɔhyɛ ahodoɔ no ahwɛ pa ara,
na wo ɔsomfoɔ dɔ wɔn.
141Ɛwom sɛ mennka hwee na memfra deɛ,
nanso me werɛ mfiri wo nkyerɛkyerɛ.
142Wo tenenee wɔ hɔ daa
na wo mmara no yɛ nokorɛ.
143Ɔhaw ne ahohiahia aduru me,
nanso wo mmaransɛm ma me ahosɛpɛ.
144Wʼahyɛdeɛ yɛ nokorɛ daa;
ma me nteaseɛ na manya nkwa.
Ɔgyeɛ Mpaeɛbɔ145Ao Awurade, mede mʼakoma nyinaa mefrɛ wo, gye me so,
na mɛdi wo ɔhyɛ nsɛm no so.
146Mesu mefrɛ wo, gye me nkwa
na medi wʼahyɛdeɛ so.
147Mesɔre anɔpahema, na mesu pɛ mmoa;
mede me werɛ ahyɛ wo nsɛm mu.
148Mʼani gu so anadwo nyinaa,
na mɛdwendwene wo bɔhyɛ ho.
149Tie me nne sɛdeɛ wʼadɔeɛ no teɛ;
Ao Awurade, kyɛe me nkwa so sɛdeɛ wo mmara teɛ.
150Wɔn a wɔhyehyɛ atirimuɔdensɛm no abɛn,
nanso wɔne wo mmara ntam ware.
151Ao Awurade, wo deɛ, wobɛn me,
na wo mmaransɛm nyinaa yɛ nokorɛ.
152Mmerɛ bi a atwam no, mesuaa wʼahyɛdeɛ
a wode timiiɛ hɔ sɛ ɛntena hɔ daa no.
Mmoa Ho Mpaeɛbɔ153Hwɛ mʼamanehunu na gye me nkwa
ɛfiri sɛ me werɛ mfirii wo mmara no.
154Di mʼasɛm ma me na gye me.
Kyɛe me nkwa so sɛdeɛ wo bɔhyɛ no teɛ.
155Nkwagyeɛ ne atirimuɔdenfoɔ ntam kwan ware,
ɛfiri sɛ wɔnhwehwɛ wo ɔhyɛ nsɛm no.
156Ao Awurade, wʼayamhyehyeɛ yɛ kɛseɛ;
kyɛe me nkwa so sɛdeɛ wo mmara no teɛ.
157Atamfoɔ a wɔteetee me dɔɔso,
nanso memmane memfirii wo nhyehyɛeɛ ho.
158Mehwɛ wɔn a wɔnni gyidie no a, wɔn ho yɛ me nwunu,
ɛfiri sɛ wɔnni wʼasɛm so.
159Hwɛ sɛdeɛ mʼani gye wo nkyerɛkyerɛ ho;
Ao Awurade, kyɛe me nkwa so sɛdeɛ wʼadɔeɛ teɛ.
160Wo nsɛm nyinaa yɛ nokorɛ;
na wo mmara a ɛtene no to rentwa da.
Nya Ahofama Ma Awurade Mmara161Sodifoɔ taataa me kwa,
nanso ɛyɛ wʼasɛm nko ara na mesuro.
162Mʼani gye wo bɔhyɛ ho
te sɛ obi a wanya asadeɛ kɛseɛ.
163Mekyiri nkontompo
na medɔ wo mmara.
164Mekamfo wo mprɛnson da biara
wo mmara a ɛtene no enti.
165Wɔn a wɔdɔ wo mmara no wɔ asomdwoeɛ mmoroso,
na biribiara rentumi mma wɔnsunti.
166Ao Awurade, metwɛn wo nkwagyeɛ,
na medi wo mmaransɛm so.
167Medi wʼahyɛdeɛ so
na medɔ no yie.
168Medi wo nkyerɛkyerɛ ne wʼahyɛdeɛ so,
na wonim mʼakwan nyinaa.
Mmoa Ho Mpaeɛbɔ169Ao Awurade, ma me sufrɛ nnuru wʼanim;
ma me nteaseɛ sɛdeɛ wʼasɛm no teɛ.
170Ma me nkotosrɛ nnuru wʼanim;
na gye me sɛdeɛ wo bɔhyɛ no teɛ.
171Ma nkamfo nhyɛ mʼanom ma;
ɛfiri sɛ wokyerɛkyerɛ me wo ɔhyɛ nsɛm.
172Ma me tɛkrɛma nto wʼasɛm ho dwom,
ɛfiri sɛ wo mmaransɛm nyinaa tene.
173Yɛ ahoboa bɛboa me,
ɛfiri sɛ masɔ wo nkyerɛkyerɛ no mu.
174Ao Awurade, mʼani agyina wo nkwagyeɛ,
na wo mmara yɛ mʼanigyedeɛ.
175Ma me ntena nkwa mu na matumi akamfo wo,
na wo mmara nso awowa me.
176Mafom ɛkwan sɛ odwan a wayera.
Hwehwɛ wo ɔsomfoɔ,
ɛfiri sɛ me werɛ mfirii wo mmaransɛm no.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.