2 Korintofoɔ 10 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Paulo Yi Ne Ho Ano

1Me, Paulo a sɛ mewɔ mo nkyɛn a meyɛ mmerɛ na sɛ menni mo nkyɛn nso a me koko yɛ duru ma mo no, me na metu saa fo yi. Mesrɛ me Kristo a ɔyɛ ɔyamyɛfoɔ no din mu sɛ:

2Sɛ meba hɔ a, monnhyɛ me mma menkasakasa mo anim. Menim yie sɛ me bo bɛtumi ayɛ duru wɔ nnipa a wɔka sɛ ewiase adwene na yɛde di dwuma no no so.

3Ɛyɛ nokorɛ sɛ, yɛte ewiase, nanso yɛnnyina wiasesɛm so wɔ yɛn ko mu.

4Akodeɛ a yɛde ko no mfiri ewiase. Ɛyɛ Onyankopɔn akodeɛ a ano yɛ den a yɛbɛtumi de asɛe atamfoɔ mpampim a wɔabobɔ. Yɛsɛe akyinnyehunu.

5Yɛsɛe akwansideɛ biara a ɛtia Onyankopɔn ho nimdeɛ no. Yɛto adwene biara nnareka ma wɔtie Kristo.

6Sɛ mo setie wie pɛyɛ na obi sane yɛ asoɔden ɛkwan biara so a, yɛbɛtwe nʼaso.

7Sɛdeɛ nneɛma te no ara na mohunu. Obi wɔ hɔ a ɔkari ne ho ka sɛ, ɔyɛ Kristo dea? Onii no nkari ne ho bio nhwɛ ɛfiri sɛ, yɛn nso yɛyɛ Kristo dea sɛdeɛ ɔno nso yɛ ne dea no.

8Ɛnyɛ me aniwu sɛ aba sɛ mede tumi a Awurade de ama me sɛ memfa nhwɛ mo na monnyini no bɛhoahoa me ho.

9Mempɛ sɛ modwene sɛ mede me nkrataa a matwerɛ mo no rehunahuna mo.

10Obi bɛka sɛ, “Paulo nkrataa mu nsɛm no yɛ ya nanso sɛ ɔba yɛn nkyɛn nso a, ɔyɛ bɔkɔɔ na ne nsɛm nso nka hwee!”

11Ɛsɛ sɛ saa onipa no te ne ho ase sɛ, nsonsonoeɛ biara nna nsɛm a ɛwɔ yɛn nkrataa a yɛtwerɛɛ ɛberɛ a yɛnni mo nkyɛn no, ne deɛ sɛ yɛwɔ mo nkyɛn a, yɛyɛ no mu.

12Ɛyɛ nokorɛ, yɛrentumi mfa yɛn ho ntoto wɔn a wɔfa wɔn ho sɛ wɔn asetena korɔn no ho. Saa nnipa no yɛ nkwaseafoɔ! Wɔnam wɔn ho a wɔde wɔn ho toto wɔn ho wɔn ho no so bu wɔn ho atɛn.

13Yɛn deɛ, yɛn ahohoahoa no nntra beaeɛ bi. Yɛn ahohoahoa no nntra dwuma a Onyankopɔn atu yɛn sɛ yɛnyɛ a mo mu adwumayɛ ka ho no.

14Esiane sɛ mowɔ saa tebea no mu enti, yɛbaa mo nkyɛn bɛkaa Asɛmpa a ɛfa Kristo ho no a yɛantra.

15Yei enti yɛmmfa adwuma a nkurɔfoɔ ayɛ nhoahoa yɛn ho te sɛ yɛn ara na yɛyɛeɛ. Deɛ yɛrepɛ ne sɛ mo gyidie ase bɛtim na ɛnam so ama yɛatumi ayɛ mo mu adwuma a yɛntra beaeɛ a Onyankopɔn ahyɛ no.

16Na yɛnam so atumi aka Asɛmpa wɔ aman foforɔ so a yɛremfa adwuma a ɔfoforɔ ayɛ no nhoahoa yɛn ho.

17Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Obiara a ɔpɛ sɛ ɔhoahoa ne ho no nhoahoa no wɔ adeɛ a Awurade ayɛ mu.”

18Ɛfiri sɛ, ɛnyɛ ka a onipa bɛka ne ho asɛm pa no na ɛma Onyankopɔn gye no to mu, na mmom onipa a Onyankopɔn no ara bɛka ne ho asɛm pa no na ɔgye no to mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help