Yesaia 42 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Awurade

Somfoɔ No

1“Me ɔsomfoɔ a mahyɛ no den nie,

deɛ mayi noɔ na ɔsɔ mʼani;

mede me Honhom bɛgu no so

na ɔde atɛntenenee bɛbrɛ aman no.

2Ɔrenteam anaa ɔremma ne nne so.

Ɔremma ne nne so wɔ mmɔntene so.

3Demmire a ayɛ mmerɛ no, ɔremmu mu.

Kanea ntoma a ɛnnɛre yie no, ɔrennum.

Nokorɛ mu na ɔbɛda tenenee adi;

4ɔrenhinhim na nʼabamu remmu

kɔsi sɛ ɔde tenenee bɛba asase so.

Ne mmara so na amanaman no de wɔn ani bɛtoɔ.”

5Yei ne deɛ Onyankopɔn, Awurade no seɛ,

deɛ ɔbɔɔ ɔsoro na ɔtrɛɛ mu,

deɛ ɔtwee asase mu ne deɛ ɛfiri mu nyinaa,

deɛ ɔma wɔn a wɔte so ahome,

na ɔma wɔn a wɔnante soɔ no nkwa:

6“Me, Awurade, mafrɛ wo tenenee mu;

mɛsɔ wo nsa.

Mɛhwɛ wo so na mede wo ayɛ

apam ama nkurɔfoɔ no

ne kanea ama amanamanmufoɔ,

7na woabue ani a afira,

na woayi nneduafoɔ afiri afiase

na woagye wɔn a wɔda afiase amena mu, wɔn a wɔte esum kabii mu no.

8“Mene Awurade; me din ne no!

Meremfa mʼanimuonyam mma obi

anaa mʼayɛyie mma ahoni.

9Hwɛ, nneɛma dada no atwam,

na nneɛma foforɔ no mepae mu ka;

ansa na ɛbɛba mu no

meka kyerɛ mo.”

Awurade

Ayɛyie Dwom

10Monto dwom foforɔ mma Awurade!

Nʼayɛyie mfiri asase ano,

mo a mokɔ ɛpo so ne deɛ ɛwo mu nyinaa,

mo nsupɔ ne wɔn a wɔtete so nyinaa.

11Ma anweatam ne ɛso nkuro mma wɔn nne so;

ma atenaeɛ a Kedar te soɔ no nsɛpɛ wɔn ho.

Ma nnipa a wɔwɔ Sela nto anigye dwom;

ma wɔn nteam mfiri mmepɔ no atifi!

12Ma wɔnhyɛ Awurade animuonyam;

na wɔmpae mu nka nʼayɛyie no wɔ nsupɔ no so.

13 Awurade bɛpue aba sɛ ɔkatakyie,

te sɛ ɔkofoni no, ɔbɛhyɛ ne mmɔdemmɔ mu den;

ɔde nteam bɛyɛ ɔkofrɛ

na ɔbɛdi nʼatamfoɔ so nkonim.

14“Mayɛ komm akyɛre,

mayɛ dinn na mahyɛ me ho so.

Nanso, afei, te sɛ ɔbaa a ɔrewoɔ no,

meteam, mehome a ɛnsi so na mehome ɔherɛ so.

15Mɛsɛe mmepɔ ne nkokoɔ no

na mahye ɛso afifideɛ nyinaa.

Mɛdane nsubɔntene ma ayɛ nsupɔ,

na mama atadeɛ awewe.

16Mɛdi anifirafoɔ anim afa ɛkwan a wɔnnim so,

akwan a wɔnnim so papa so na mɛkyerɛ wɔn kwan.

Mɛma esum no ayɛ hann wɔ wɔn anim,

na mayɛ mmea a ɛyɛ mmomkyi mmɔnka no tromtrom.

Yeinom ne nneɛma a mɛyɛ;

merennya wɔn mu.

17Na wɔn a wɔde wɔn ho to ahoni so,

na wɔka kyerɛ nsɛsodeɛ sɛ, ‘Moyɛ yɛn anyame’ no,

mɛpam wɔn animguaseɛ mu.”

Israel, Onifirani Ne Ɔsotifoɔ

18“Tie, wo ɔsotifoɔ;

hwɛ, wo onifirani na hunu!

19Hwan ne ɔnifirafoɔ sɛ me ɔsomfoɔ,

na ɔyɛ ɔsotifoɔ sɛ ɔbɔfoɔ a mesoma noɔ?

Hwan na nʼani afira sɛ deɛ ɔde ne werɛ ahyɛ me mu?

Anaa hwan na nʼani afira sɛ Awurade ɔsomfoɔ?

20Woahunu nneɛma bebree, nanso amfa wo ho;

Wʼasom da ɛkwan, nanso wonte hwee.”

21Ɛsɔɔ Awurade ani

ne tenenee enti

sɛ ɔbɛma ne mmara ayɛ kɛseɛ na anya animuonyam.

22Nanso saa nnipa a wɔawia wɔn na wɔafo wɔn yi,

wɔn nyinaa aka amena mu

anaa wɔde wɔn asie wɔ nneduadan mu.

Wɔayɛ wɔn afodeɛ

na wɔnni obi a ɔbɛgye wɔn;

wɔayɛ wɔn korɔnodeɛ

na wɔnni obi a ɔbɛka sɛ, “Momfa wɔn nsane nkɔ.”

23Mo mu hwan na ɔbɛtie yei

anaa ɔbɛdwene ho yie akyire yi?

24Hwan na ɔde Yakob maa sɛ ɔmmɛyɛ korɔnodeɛ,

na ɔde Israel maa afomfoɔ?

Ɛnyɛ Awurade a

yɛayɛ bɔne atia no no?

Ɛfiri sɛ wɔannante nʼakwan so;

na wɔanni ne mmara so.

25Enti ɔhwiee nʼabufuhyeɛ guu wɔn so,

akodie mu basabasayɛ.

Ɛde egyadɛreɛ bunkam wɔn so, nanso wɔante aseɛ.

Ɛhyee wɔn, nanso amfa wɔn ho.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help