Yeremia 25 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Mfeɛ Aduɔson Nkoasom

1Asɛm a ɛfa Yudafoɔ nyinaa ho baa Yeremia nkyɛn wɔ Yudahene Yosia babarima Yehoiakim, adedie afe a ɛtɔ so ɛnan a ɛyɛ Babiloniahene Nebukadnessar adedie afe a ɛdi ɛkan.

2Enti odiyifoɔ Yeremia ka kyerɛɛ Yudafoɔ ne wɔn a wɔtete Yerusalem nyinaa sɛ,

3Mfeɛ aduonu mmiɛnsa nie, ɛfiri Yudahene Amon babarima Yosia adedie afe a ɛtɔ so dumiɛnsa bɛsi ɛnnɛ, Awurade asɛm aba me so na makasa akyerɛ mo mpɛn bebree, nanso monntieɛ.

4Mpo Awurade asoma nʼasomfoɔ a wɔyɛ nʼadiyifoɔ aba mo nkyɛn mpɛn bebree, na montiee wɔn, na monyɛɛ aso mmaa wɔn.

5Wɔkaa sɛ, “Mo mu biara mfiri nʼakwan bɔne ne ne nneyɛɛ bɔne ho, na mobɛtumi atena asase a Awurade de maa mo ne mo agyanom no so afebɔɔ.

6Monni anyame foforɔ akyi nkɔsom wɔn nsɔre wɔn; mommfa deɛ mode mo nsa ayɛ no nhyɛ me abufuo. Afei merenha mo.”

7“Nanso moanntie me,” Awurade na ɔseɛ, “na mode deɛ mode mo nsa ayɛ ahyɛ me abufuo, na mode ɔhaw aba mo so.”

8Afei deɛ Asafo Awurade seɛ nie: “Esiane sɛ moantie me nsɛm no enti,

9mɛfrɛ atifi fam nnipa nyinaa ne mʼakoa Babiloniahene Nebukadnessar,” Awurade na ɔseɛ, “na mede wɔn abɛko atia saa asase yi ne sotefoɔ, ne amanaman a wɔatwa ho ahyia nyinaa. Mɛsɛe wɔn pasaa na mayɛ wɔn ahodwiredeɛ ne fɛdideɛ, ne amamfo afebɔɔ.

10Mɛyi ahosane ne anigyeɛ nnyegyeɛ, ayeforɔkunu ne ayeforɔyere nne, oyuyammoɔ nnyegyeeɛ ne kanea hann afiri wɔn mu.

11Ɔman mu no nyinaa bɛdane asase wesee, na saa amanaman yi bɛsom Babiloniahene mfirinhyia aduɔson.

12“Na mfirinhyia aduɔson awieeɛ no, mɛtwe Babiloniahene ne ne ɔman, Babiloniafoɔ asase aso wɔ wɔn amumuyɛ ho, mɛdane no amanfo afebɔɔ,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie.

13“Mɛma asotwe a mahyɛ atia asase no nyinaa aba wɔn so, deɛ wɔatwerɛ wɔ nwoma yi mu na Yeremia ahyɛ ho nkɔm atia aman no nyinaa no.

14Wɔn ankasa deɛ, amanaman bebree ne ahempɔn de wɔn bɛyɛ nkoa; na mɛtua wɔn nneyɛeɛ ne wɔn nsa ano adwuma so ka.”

Onyankopɔn Abufuhyeɛ Kuruwa No

15Yei ne deɛ Awurade, Israel Onyankopɔn, ka kyerɛɛ me: “Gye saa kuruwa yi a mʼabufuhyeɛ nsã ahyɛ no ma yi, na ma amanaman a mɛsoma wo wɔn nkyɛn no nyinaa nnom.

16Sɛ wɔnom a, wɔbɛtɔ ntintan na wɔabobɔ dam ɛsiane akofena a mɛsoma akɔ wɔn so no enti.”

17Ɛno enti, megyee kuruwa no firii Awurade nsam, na memaa amanaman a ɔsomaa me wɔn nkyɛn no nomeeɛ:

18Yerusalem ne Yuda nkuro, nʼahemfo ne ne nnwumayɛfoɔ sɛ wɔnyɛ asɛedeɛ, ahodwiredeɛ, fɛdideɛ ne nnome, sɛdeɛ wɔteɛ ɛnnɛ da yi,

19Misraimhene Farao, nʼasomfoɔ, nʼadwumayɛfoɔ ne ne manfoɔ nyinaa,

20amanfrafoɔ a wɔwɔ hɔ nyinaa;

Us ahemfo;

Filistifoɔ ahemfo (a ɛyɛ Askelon, Gasa, Ekron ne nnipa a wɔagya wɔn wɔ Asdod);

21Edom, Moab ne Amon;

22Tiro ne Sidon ahemfo nyinaa;

ne ahemfo a wɔwɔ mpoano aman a wɔwɔ ɛpo agya no;

23Dedan, Tema, Bus ne nnipa a wɔtete akyirikyiri no;

24Arabia ahemfo ne amanfrafoɔ ahemfo nyinaa a wɔtete anweatam so no.

25Simri, Elam ne Media ahemfo nyinaa;

26ne ahemfo a wɔwɔ atifi fam nyinaa, wɔn a wɔbɛn ne wɔn a wɔwɔ akyirikyiri, ne wɔn mu biara, asase so ahennie ahodoɔ.

Na wɔn nyinaa akyi no Sesakhene nso bɛnom bi.

27“Afei, ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Yei ne deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ: Monnom, mommobo na momfefe, na mohwehwe ase a monnsɔre bio, ɛsiane akofena a mɛsoma aba mo so enti.’

28Na sɛ wɔampɛ sɛ wɔgye wo nsam kuruwa no nom a, ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Yei ne deɛ Asafo Awurade seɛ: Ɛsɛ sɛ monom!

29Monhwɛ, merebɛfiti aseɛ de amanehunu aba kuropɔn a me Din da so no so, na mobɛfa mo ho adi a wɔrentwe mo aso anaa? Wɔbɛtwe mo aso, ɛfiri sɛ merefrɛ akofena aba wɔn a wɔtete asase no so nyinaa so, Asafo Awurade na ɔseɛ.’

30“Afei, hyɛ nsɛm yi nyinaa ho nkɔm tia wɔn, na ka kyerɛ wɔn sɛ,

“ ‘Awurade bɛfiri soro abobom;

ɔbɛma ne nne so afiri ne tenabea kronkron hɔ,

na wabobɔ mu denden atia nʼasase.

Ɔbɛteam te sɛ wɔn a wɔtiatia bobe aba so,

ɔbɛteam agu wɔn a wɔtete asase no so.

31Hooyɛ bɛgyegye akɔ nsase ano,

na Awurade bɛbɔ kwaadu atia amanaman;

ɔbɛbu adasamma nyinaa atɛn

na ɔde amumuyɛfoɔ ama akofena,’ ”

Awurade na ɔseɛ.

32Yei ne deɛ Asafo Awurade seɛ:

“Monhwɛ! Amanehunu retrɛtrɛ

firi ɔman so kɔ ɔman foforɔ so;

ahum kɛseɛ bi rema ne ho so

afiri nsase ano.”

33Saa ɛberɛ no, wɔn a Awurade akunkum wɔn no bɛdeda baabiara, firi asase ano kɔsi ano nohoa. Wɔrensu wɔn na wɔremmoaboa wɔn ano na wɔrensie wɔn, na wɔbɛyɛ sɛ sumina a ɛgugu fam.

34Monsu na montwa adwo, mo nnwanhwɛfoɔ;

mommunimuni wɔ mfuturo mu mo nnwankuo ntuanofoɔ.

Mokum berɛ no aduru

mobɛhwehwe ase, na moabobɔ nketenkete te sɛ nkukuo a ɛnyɛ den.

35Nnwanhwɛfoɔ no rennya baabiara nnwane nkɔ

na nnwankuo no ntuanofoɔ no rennya ɛkwan nnwane.

36Montie nnwanhwɛfoɔ no su,

ne nnwankuo no ntuanofoɔ agyaadwotwa,

ɛfiri sɛ Awurade resɛe wɔn mmoa adidibea.

37Ɛserɛ nsase a asomdwoeɛ wɔ soɔ no bɛda mpan

ɛsiane Awurade abufuhyeɛ no enti.

38Na wɔn asase bɛda mpan

te sɛ gyata a ɔfiri ne tu mu

ɛsiane ɔhyɛsofoɔ no akofena

ne Awurade abufuhyeɛ no enti.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help