2 Samuel Nnianimu - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

NnianimuSamuel Nwoma a Ɛtɔ so Mmienu ka Dawid ho asɛm. Wɔsii no ɔhene wɔ Yuda, na afei, ɔdii ɔhene wɔ Israelman nyinaa so (Ti 5.1-5). Ɔkɔfaa Apam Adaka no baa Hyiadan no mu (Ti 6.1-23). Ɔdii nʼakodɔm anim, ko tia nʼatamfoɔ dii wɔn nyinaa so nkonim, na ɔde Bɔhyɛ Asase so nkonimdie a Yosua hyɛɛ aseɛ no wiee nʼakodie (Ti 8–10). Dawid yɛɛ nneɛma akɛseɛ bebree.Sɔhwɛ ahodoɔ baa nʼakwan mu ma ɔyɛɛ bɔne a adwamammɔ ne awudie di mu akotene (Ti 11–13), na ɛda adi sɛ, nnipa akɛseɛ a wɔbɔ wɔn ho mmɔden sɛ wɔbɛdi Onyankopɔn akyi no, wɔtumi tɔ sɔhwɛ ne bɔne mu.Nyamesuro nkyerɛ sɛ onipa bɛtumi atena ase ayɛ deɛ ɔpɛ biara. Dawid nyaa abusua mu akwansideɛ (Ti 14–18). Kɛseyɛ tumi de ahantan ba sɛdeɛ yɛhunu wɔ Dawid bɔneyɛ mu no. Ɔmaa wɔkan ɔman mu no nyinaa mu nnipa sɛdeɛ ɛbɛma wahunu ne man no ahoɔden (Ti 24.1-25). Nanso, ɔkokoɔdurufoɔ yi awieeɛ ankɔyɛ awerɛhoɔ ntrasoɔ. Ɛsiane nʼahonu ne nʼayɔnkofa a ɔnam so de ne ho bɔɔ Onyankopɔn no enti, ɔnyaa nʼasomdwoeɛ, nanso bɔne a ɔyɛeɛ no deɛ, ɛho asɛm antwa (Ti 12–20).Dawid Nyamesom pa, ne nokorɛdie, ne ntoboaseɛ, nʼayamyɛ, nʼahofama ne pɛpɛyɛ yɛ suban pa a ɛsɛ sɛ yɛsua.Emu NsɛmDawid Nkonimdie Ahodoɔ (1.1–10.19)Dawid Akodie (11.1–24.25)
Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help