Hosea 9 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Israel Asotwe

1Nni ahurisie, Ao Israel;

nsɛpɛ wo ho te sɛ aman a aka no.

Ɛfiri sɛ woanni wo Onyankopɔn nokorɛ,

wʼani gye adwamammɔ ho

wɔ ayuporobea nyinaa so.

2Ayuporobea ne nsakyimena rentumi mma nnipa no aduane;

nsã foforɔ nso bɛbɔ wɔn.

3Wɔrentena Awurade asase no so bio;

Efraim bɛsane akɔ Misraim

na wadi aduane a ɛho nteɛ wɔ Asiria.

4Wɔremmɔ ahwiesa afɔdeɛ mma Awurade,

na wɔn afɔrebɔ nso nsɔ nʼani.

Saa afɔrebɔ yi bɛyɛ sɛ aduane a ayiasefoɔ de wɔn nsa aka;

wɔn a wɔdi nyinaa ho bɛgu fi.

Saa aduane no bɛyɛ wɔn ankasa dea

na wɔrentumi mmfa nkɔ Awurade asɔredan mu.

5Ɛdeɛn na mobɛyɛ wɔ mo apontoɔ da no

ne Awurade afahyɛ nna no nso?

6Mpo sɛ wɔdwane firi ɔsɛeɛ mu a

Misraim bɛboaboa wɔn ano,

na Memfis bɛsie wɔn.

Wɔn dwetɛ ahonyadeɛ bɛfu wira,

na wɔn ntomadan adane nkasɛɛ.

7Asotwe nna no reba,

akontabuo nna no aduru;

ma Israel nhunu yei.

Esiane mo bɔne bebrebe

ne mo akokoakoko a adɔɔso enti

mofa no sɛ odiyifoɔ yɛ kwasea

na deɛ honhom akanyane noɔ no yɛ ɔbɔdamfoɔ.

8Odiyifoɔ no ne me Onyankopɔn

yɛ Efraim so wɛmfoɔ,

nanso wɔasum no afidie wɔ nʼakwan nyinaa so,

na ɔtane ahyɛ ne Onyankopɔn fie ma.

9Wɔaduru porɔeɛ bunu mu,

sɛdeɛ na ɛteɛ wɔ Gibea nna no mu.

Onyankopɔn bɛkae wɔn atirimuɔden

na watwe wɔn aso wɔ wɔn bɔne ho.

10“Ɛberɛ a mehunuu Israel no,

na ɛte sɛ deɛ mahunu bobe wɔ anweatam so;

ɛberɛ a mehunuu mo agyanom no,

na ɛte sɛ deɛ mahunu borɔdɔma aba a ɛdi ɛkan wɔ ne dua so.

Nanso ɛberɛ a wɔbaa Baal-peor nkyɛn no

wɔdwiraa wɔn ho maa ohoni nimguaseni no.

Wɔn ho yɛɛ abofono te sɛ ohoni a wɔdɔ no no.

11Efraim animuonyam bɛtu akɔ sɛ anomaa,

nyinsɛn ne awoɔ nni ne mu.

12Mpo sɛ wɔtete mmɔfra a,

mɛma mmɔfra no awuwu wɔ wɔn nsa mu.

Wɔnnue,

sɛ meyi mʼani firi wɔn so a!

13Mahunu Efraim te sɛ Tiro,

a ɛda baabi a ɛyɛ.

Nanso Efraim de ne mma

bɛbrɛ okumfoɔ no.”

14Fa ma wɔn, Ao, Awurade,

ɛdeɛn na wode bɛma wɔn?

Ma wɔn yafunu a ɛpɔn

ne nufoɔ a nufosuo nni muo.

15“Wɔn atirimuɔdensɛm nyinaa a wɔdii wɔ Gilgal enti,

mefaa wɔn ho tan wɔ hɔ.

Wɔn nnebɔne enti

mɛpam wɔn afiri me fie.

Merennɔ wɔn bio;

ɛfiri sɛ wɔn ntuanofoɔ nyinaa yɛ atuatefoɔ.

16Efraim agyigya,

ne nhini akusa,

enti wɔnso aba.

Sɛ wɔwo mma mpo a,

mɛkunkum wɔn mma a wɔdɔ wɔn no.”

17Me Onyankopɔn bɛpo wɔn,

ɛfiri sɛ, wɔannyɛ ɔsetie amma no;

Wɔbɛkyinkyini aman no mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help