Hesekiel 32 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Farao Ho Kwadwom

1Mfeɛ dumienu mu, bosome a ɛtɔ so dumienu no ɛda a ɛdi ɛkan no, Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:

2“Onipa ba, to kwadwom fa Misraimhene Farao ho na ka kyerɛ no sɛ:

“ ‘Wote sɛ gyata wɔ aman no mu:

wote sɛ ɛpo mu aboa a ne ho yɛ hu

wobubu afuni wɔ wo asutene mu,

wode wo nan boro asutene no

de hono nsuo no.

3“ ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ:

“ ‘Mede nipadɔm bɛba

abɛto mʼasau agu wo so,

na wɔbɛtwe wo afiri mʼasau mu.

4Mɛto wo atwene asase no so

na mahuri wo ato ɛserɛ so.

Mɛma ewiem nnomaa nyinaa abɛsisi wo so

na asase so mmoa nyinaa adi wo nam ɔherɛ so.

5Mɛhata wo nam wɔ mmepɔ no so

na mede wo funu ahyɛ mmɔnhwa ma.

6Mede wo mogya a ɛretene no

bɛfɔ asase no de akɔka mmepɔ no

na wonam bɛhyɛ abɔn nketewa no ma.

7Sɛ metwa wo firi hɔ a, mɛkata ɔsoro ani

na madundum wɔn nsoromma;

mede omununkum bɛkata owia ani,

na ɔsrane renhyerɛn.

8Ɔsoro nkanea a ɛhyerɛn nyinaa

mɛma aduru sum wɔ wo so;

mɛma esum aduru wʼasase, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.

9Mɛma nnipa bebree akoma atutu

ɛberɛ a mede wo sɛeɛ aba aman no mu,

nsase a wonnya nhunuiɛ mu.

10Mɛma nnipa bebree ho adwiri wɔn wɔ wo ho,

wo enti, ehu bɛma wɔn ahene ho apopo

ɛberɛ a merehim mʼakofena wɔ wɔn anim.

Ɛda a wobɛhwe ase no

wɔn mu biara ho bɛwoso

berɛ nyinaa mu wɔ wɔn nkwa enti.

11“ ‘Na sei na Otumfoɔ Awurade seɛ:

“ ‘Babiloniahene akofena

bɛsɔre wo so.

12Mɛma wo nipadɔm no atotɔ

wɔ nnɔmmarima akofena ano,

wɔ aman a wɔyɛ tutugyagu mu.

Wɔbɛsɛe Misraim ahomasoɔ pasaa

na ne nipadɔm no nyinaa bɛdi nkoguo.

13Mɛkunkum nʼanantwie nyinaa

afiri nsuo bebree no ho

na nnipa nan rentiatia mu bio

na anantwie nan nso renhono no.

14Afei mɛma ne nsuo ani ate

na mama ne asutene atene sɛ ngo,

Otumfoɔ Awurade asɛm nie.

15Sɛ mema Misraim da mpan

na meyi biribiara firi asase no so,

sɛ mekum wɔn a wɔte soɔ nyinaa a,

afei na wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no.’

16“Yei ne kwadwom a wɔbɛto ama no. Amanaman no mmammaa bɛto ama Misraim ne ne nipadɔm nyinaa, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.”

17Afe a ɛtɔ so dumienu no no bosome ɛda a ɛtɔ so dunum no, Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:

18“Onipa ba, twa adwo ma Misraim nipadɔm na ma ɔne amanaman akɛseɛ no mmammaa nsiane nkɔ asase ase nkɔka wɔn a wɔasiane kɔ amena mu no ho.

19Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Wadom mo dodo sene wɔn a aka no anaa? Monsiane nkɔ na mo ne momonotofoɔ no nkɔda.’

20Wɔbɛka wɔn a wɔwuwuu wɔ akofena ano no ho. Wɔatwe akofena no, ma wɔntwe ɔno ne nipadɔm no ase nkɔ.

21Akannifoɔ akɛseɛ a wɔwɔ damena mu bɛka wɔ Misraim ne ne mpamfoɔ ho sɛ, ‘Wɔasiane aba na wodeda momonotofoɔ mu, wɔn a wɔwuwuu wɔ akofena ano no.’

22“Asiria ne nʼasraadɔm nyinaa wɔ hɔ, wɔn a wakunkum wɔn no damena atwa ne ho ahyia, wɔn a wɔatotɔ wɔ akofena ano no.

23Wɔn adamena no wɔ amena no ase tɔnn na nʼasraadɔm deda ne damena ho nyinaa. Wɔn a na wɔhunahuna afoforɔ wɔ ateasefoɔ asase so no nyinaa awuwu, wɔatotɔ wɔ akofena ano.

24“Elam wɔ hɔ, ne nipadɔm nyinaa atwa ne damena ho ahyia. Wɔn nyinaa awuwu, wɔatotɔ wɔ akofena ano. Wɔn a na wɔhunahuna afoforɔ wɔ ateasefoɔ asase so nyinaa siane kɔɔ asase ase sɛ momonotofoɔ. Wɔde wɔn animguaseɛ kɔka wɔn a wɔsiane kɔ amena mu no ho.

25Wɔato mpa ama no wɔ atɔfoɔ no mu, na ne nipadɔm atwa ne damena ho ahyia. Wɔn nyinaa yɛ momonotofoɔ a wɔatotɔ wɔ akofena ano. Esiane sɛ wɔn ahunahuna trɛɛ wɔ ateasefoɔ asase soɔ no enti, wɔne wɔn a wɔsiane kɔ amena mu no nyinaa anim agu ase. Wɔadeda wɔn wɔ atɔfoɔ no mu.

26“Mesek ne Tubal wɔ hɔ a wɔn nipadɔm atwa wɔn adamena ho ahyia. Wɔn nyinaa yɛ momonotofoɔ a wɔatotɔ wɔ akofena ano ɛfiri sɛ wɔtrɛtrɛɛ wɔn ahunahuna mu wɔ ateasefoɔ asase so.

27Ɛnyɛ wɔ ne akofoɔ momonotofoɔ foforɔ a wɔatotɔ na ɛdeda hɔ anaa? Wɔn a wɔne wɔn akodeɛ siane kɔɔ damena mu na wɔn tiri deda wɔn akofena soɔ no. Wɔn amumuyɛ so asotwe daa wɔn nnompe so, mmom saa akofoɔ yi ahunahuna atrɛtrɛ wɔ ateasefoɔ asase so.

28“Ao Farao, wo nso wɔbɛbubu wo mu na woakɔda momonotofoɔ mu, wo ne wɔn a wɔtotɔɔ wɔ akofena ano no.

29“Edom wɔ hɔ, nʼahemfo ne ne mmapɔmma nyinaa deda wɔn a wɔatotɔ wɔ akofena ano mu, wɔn tumi nyinaa akyi. Wɔdeda momonotofoɔ mu, wɔ ne wɔn a wɔsiane kɔ amena mu no.

30“Mmapɔmma a wɔfiri atifi fam nyinaa ne Sidonfoɔ nyinaa wɔ hɔ, wɔ ne atɔfoɔ kɔɔ wɔ animguaseɛ mu, wɔn tumi a wɔde hunahunaeɛ no nyinaa akyi. Wɔdeda hɔ sɛ momonotofoɔ, wɔne wɔn a wɔkum wɔn wɔ akofena ano, na wɔne wɔn a wɔsiane kɔ amena mu no asoa wɔn animguaseɛ.

31“Farao, ɔne nʼasraadɔm nyinaa bɛhunu wɔn na ne werɛ bɛkyekye wɔ ne nipadɔm a wɔkunkum wɔn wɔ akofena ano no ho, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.

32Mmom me na memaa Farao ne ne nipadɔm de ahunahuna trɛtrɛɛ ateasefoɔ asase so deɛ, nanso wɔbɛdeda momonotofoɔ mu, wɔn a wɔde akofena kunkumm wɔn, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.”

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help