1Anadwo mu nyinaa, wɔ me mpa so
mehwehwɛɛ deɛ mʼakoma da no so;
mehwehwɛɛ no, nanso manhunu no.
2Mɛsɔre afei na makɔ kyinkyini kuropɔn no mu,
ne mmɔntene so ne nʼadwabirem;
na mahwehwɛ deɛ mʼakoma da no so.
Enti mehwehwɛɛ no nanso manhunu no.
3Awɛmfoɔ no hunuu me
ɛberɛ a wɔrebɔ aprɔ wɔ kuropɔn no mu.
“Moahunu deɛ mʼakoma da no so no anaa?”
4Mereyɛ atwa wɔn ho pɛ
na mehunuu deɛ mʼakoma da no so no.
Mesɔɔ ne nsa sɛ meremma no nkɔ
kɔsii sɛ mede no baa me maame fie,
de no kɔɔ deɛ ɔnyinsɛnee me dan mu.
5Yerusalem mmammaa mehyɛ mo sɛ,
Momfa wiram atwewa ne ɔforoteɛ nsuae sɛ
morennyane na morenhwanyane ɔdɔ mu
kɔsi ɛberɛ a ɛsɛ mu.
6Hwan na ɔfiri ɛserɛ so reba
te sɛ wisie kumɔnn a
ɛfiri kurobo, aduhwam
ne adwadifoɔ pɛprɛ ahodoɔ mu, atutu ne ho yi?
7Monhwɛ, ɛyɛ Salomo teaseɛnam a
akofoɔ aduosia bɔ no kyidɔm;
adeɛ a ɛwɔ animuonyam pa ara wɔ Israel,
8Wɔn nyinaa bobɔ akofena,
wɔn nyinaa wɔ akodie ho nyansa.
Wɔn akofena bobɔ wɔn nkyɛn mu,
na obiara asiesie ne ho ama deɛ ɛbɛsi anadwo a ɛyɛ hu biara.
9Ɔhene Salomo yɛɛ teaseɛnam no maa ne ho;
ɔde Lebanon nnua na ɛyɛeɛ.
10Ɔde dwetɛ na ɛyɛɛ nʼadum,
ɔde sikakɔkɔɔ na ɛyɛɛ ne nnyinasoɔ.
Wɔde beredum ntoma na ɛduraa emu nkonnwa ho.
Emu nsiesie yɛ ahomeka
na Yerusalem mmammaa na wɔyɛeɛ.
11Momfiri adi, mo Sion mmammaa,
mommɛhwɛ ɔhene Salomo sɛ ɔhyɛ ahenkyɛ
deɛ ne maame de hyɛɛ no nʼayeforɔhyia da no,
da a ɔdii ahurisie nʼakoma mu no.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
