Yesaia 45 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

1“Yei ne deɛ Awurade ka kyerɛ deɛ wasra no ngo,

Kores a wasɔ ne nsa nifa mu

sɛ ɔmmrɛ aman ase wɔ nʼanim

na ɔnnye ahemfo akodeɛ mfiri wɔn nsam

na ɔmmuebue apono a ɛwɔ nʼanim

sɛdeɛ kuro apono no mu rentoto.

2Mɛdi wʼanim

mɛyɛ mmepɔ no asase tamaa;

mɛbubu kɔbere mfrafraeɛ apono agu

na matwitwa dadeɛ adaban mu.

3Mede esum mu ademudeɛ bɛma wo

ahonyadeɛ a wɔde asie kɔkoam

sɛdeɛ wobɛhunu sɛ, mene Awurade,

Israel Onyankopɔn, a ɔbɔ wo din frɛ woɔ.

4Me ɔsomfoɔ Yakob enti,

Israel a mapa no enti,

mebɔ wo din frɛ wo

na mɛma wo animuonyamhyɛ abodin,

ɛwom sɛ wonnyee me ntoo mu deɛ.

5Mene Awurade, obiara nni hɔ bio;

Onyankopɔn biara nni hɔ ka me ho.

Ɛwom sɛ wonnyee me ntoo mu deɛ,

nanso mɛhyɛ wo den,

6sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛfiri deɛ owia pue

kɔsi beaeɛ a ɛtɔ no

nnipa bɛhunu sɛ obiara nka me ho.

Mene Awurade, na obiara nni hɔ bio.

7Meyɛ hann, na mebɔ esum.

Mede yiedie ba na mede ɔhaw ba;

Me, Awurade, na meyɛ yeinom nyinaa.

8“Mo ɔsorosoro, monhwie tenenee ngu fam;

momma ɛmfiri omununkum mu ntɔ

momma asase mu mmue kɛseɛ,

na nkwagyeɛ mpue mfiri mu,

na tenenee ne no nnyini;

Me, Awurade na mayɛ.

9“Nnome nka deɛ ɔne ne Yɛfoɔ ham

Ɛnka deɛ ɔmfra te sɛ kyɛmferɛ a ɛfra deɛ ɛgugu fam mu.

Dɔteɛ bɛtumi abisa ɔnwomfoɔ sɛ,

‘ɛdeɛn na woreyɛ yi?’

Wo nsa ano adwuma bɛtumi abisa wo sɛ,

‘Wonni nsa’?

10Nnome nka deɛ ɔse nʼagya sɛ

‘Adɛn enti na wowoo me?’

Anaa ɔbisa ne maame sɛ,

‘Adɛn enti na wokyem me woeɛ?’

11“Sei na Awurade seɛ,

Israel Ɔkronkronni ne ne Yɛfoɔ;

ɛfa nneɛma a ɛreba ho no.

Wobisa me nsɛm a ɛfa me mma ho,

anaa wohyɛ me wɔ me nsa ano adwuma ho?

12Ɛyɛ me na meyɛɛ asase

na mebɔɔ adasamma guu so.

Me ara me nsa na mede trɛɛ ɔsoro mu;

nsoromma ahodoɔ nyinaa hyɛ mʼase.

13Mɛma Kores so wɔ me tenenee mu;

mɛtenetene nʼakwan nyinaa.

Ɔbɛsane akyekyere me kuropɔn

na wagyaa mʼatukɔfoɔ,

nanso ɔrennye akatua anaa akyɛdeɛ,

Asafo Awurade na ɔseɛ.”

14Sei na Awurade seɛ:

“Nneɛma a ɛfiri Misraim ne adwadeɛ a ɛfiri Kus,

ne Sebafoɔ atentene no,

wɔbɛba wo nkyɛn

abɛyɛ wo dea;

wɔbɛdi wʼakyi brɛoo aba a

wɔgu nkɔnsɔnkɔnsɔn mu.

Wɔbɛbu nkotodwe wʼanim

na wɔasrɛ wo aka sɛ,

‘Ampa ara, Onyankopɔn ka wo ho, na ɔbi nni hɔ;

onyame biara nni hɔ.’ ”

15Ampa ara, woyɛ Onyankopɔn a ɔde ne ho sie,

Ao Onyankopɔn ne Israel Agyenkwa.

16Wɔn a wɔyɛ ahoni nyinaa bɛfɛre na wɔn anim agu ase;

wɔbɛbɔ mu akɔ animguaseɛ mu.

17Nanso, Awurade bɛgye Israel nkwa,

ɔde daapem nkwagyeɛ;

Wɔremma wʼani nwu na wʼanim renguase bio

kɔsi daapem.

18Na sei na Awurade seɛ,

deɛ ɔbɔɔ ɔsorosoro no

ɔno ne Onyankopɔn;

deɛ ɔmaa asase, na ɔbɔeɛ no,

ɔno na ɔtoo ne fapem;

wammɔ no sɛ ɛso nna hɔ kwa,

mmom ɔyɛeɛ sɛ nnipa ntena so,

ɔka sɛ:

“Me ne Awurade,

na obi nni hɔ.

19Menkasaa wɔ kɔkoam,

mfiri asase so baabi a aduru sum;

manka ankyerɛ Yakob asefoɔ sɛ,

‘Sɛ mohwehwɛ me a monnhunu me.’

Me Awurade, meka nokorɛ no;

meka deɛ ɛyɛ.

20“Mommoaboa mo ho ano na mommra;

monhyia mu, mo adwanefoɔ a mofiri amanaman so,

mo a monnim de na moasoa nnua ahoni de kyinkyini,

mo a mobɔ anyame a wɔntumi nnye nkwa no mpaeɛ.

21Mompae mu nka deɛ ɛbɛsi. Momfa nto dwa

na wɔn mmɔ mu ntu agyina.

Hwan na ɔdii ɛkan kaa no teteete,

hwan na ɔdaa no adi firi tete nteredee?

Ɛnyɛ me Awurade anaa?

Onyankopɔn bi nni hɔ ka me ho,

tenenee Onyankopɔn ne Agyenkwa;

obiara nni hɔ sɛ me.

22“Monnane mmra me nkyɛn na monnya nkwa,

mo a mowɔ asase ano nyinaa;

ɛfiri sɛ mene Onyankopɔn, na obiara nni hɔ.

23Maka me ho ntam,

mʼano aka wɔ nokorɛdie nyinaa mu,

asɛm a wɔntwe nsane sɛ:

obiara bɛbu nkotodwe wɔ mʼanim.

Na obiara bɛpae mu aka sɛ, mene Onyankopɔn.

24Wɔbɛka me ho asɛm sɛ, ‘Awurade nko ara mu

na tenenee ne ahoɔden wɔ.’ ”

Wɔn a wɔn bo huru tia no nyinaa

bɛba ne nkyɛn na wɔn anim bɛgu ase.

25Nanso Awurade mu,

wɔbɛbu Israel asefoɔ nyinaa bem,

na wɔahoahoa wɔn ho.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help