Yosua 16 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Efraim Ne Manase Agyapadeɛ

1Yosef asefoɔ no kyɛfa firi Asubɔnten Yordan fa a ɛbɛn Yeriko, wɔ Yeriko nsuwa no apueeɛ fam, kɔfa ɛserɛ no so kɔpue Bet-El bepɔ asase no so.

2Ɛfiri Bet-El (a ɛyɛ Lus) a, ɛfa Atarot a ɛwɔ Arkifoɔ mantam mu.

3Esiane fa atɔeɛ fam kɔsi Bet-Horon Anafoɔ a ɛwɔ Yafletifoɔ mantam mu. Ɛtoa so kɔ Geser na afei akɔsi Ɛpo Kɛseɛ no mu.

4Yosef mmammarima Manase ne Efraim mmusua nyaa wɔn agyapadeɛ.

Asase A Wɔde Maa Efraim

5Wɔde saa asase yi maa Efraim mmusua sɛ wɔn agyapadeɛ.

Wɔn agyapadeɛ no ɛhyeɛ a ɛwɔ apueeɛ fam no firi Atarot-Adar. Ɛfiri hɔ kɔ Bet-Horon Soro,

6na akɔ Ɛpo Kɛseɛ no ho. Atifi fam ɛhyeɛ no firi Ɛpo Kɛseɛ no, ɛfa apueeɛ fam, twam wɔ Mikmetat, na akontono afa apueeɛ fam, atwam wɔ Taanat-Silo akɔ Yanoa apueeɛ fam.

7Ɛfiri Yanoa a, ɛdane fa anafoɔ fam kɔ Atarot ne Naara, ɛka Yeriko, na akɔpem Asubɔnten Yordan.

8Ɛfiri Tapua a, ɛhyeɛ no kɔ atɔeɛ fam, nam Kana Suka no mu kɔsi Ɛpo Kɛseɛ no. Saa agyapadeɛ yi na wɔde maa mmusua a wɔbɔ mu yɛ Efraim abusuakuo no.

9Wɔde nkuro bi ne wɔn nkuraaseɛ a ɛwɔ Manase abusuakuo no fa mantam mu maa Efraim.

10Wɔampamo Kanaanfoɔ no amfiri Geser, enti Geserfoɔ te hɔ sɛ nkoa bɛsi ɛnnɛ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help