Malaki 4 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Awurade

Da

1“Ampa ara, ɛda no reba; ɛbɛdɛre te sɛ fononoo. Ahomasofoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ nyinaa bɛyɛ wiradwaneɛ, na saa da a ɛreba no, wɔde ogya bɛto mu,” sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie. “Ɛrenka nhini anaa dubaa ɛmma wɔn.

2Nanso, mo a mode anidie ma me din no, tenenee awia bɛpue ama mo, na ɛde ayaresa bɛba. Na mobɛpue na moahurihuri te sɛ anantwie mma a wɔabue wɔn afiri wɔn buo mu.

3Na mobɛtiatia atirimuɔdenfoɔ so; wɔbɛyɛ nsõ wɔ mo nan ase, da a mɛyɛ saa nneɛma yi.” Sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.

4“Monkae mʼakoa Mose mmara ne ahyɛdeɛ a mede maa no wɔ Horeb so sɛ ɔmfa mma Israelfoɔ nyinaa.

5“Mɛsoma Odiyifoɔ Elia aba mo nkyɛn, ansa na Awurade da kɛseɛ a ɛyɛ hu no aba.

6Ɔbɛdane agyanom akoma akɔ wɔn mma so, na wadane mma nso akoma akɔ agyanom so, anyɛ saa a, mede nnome bɛba abɛsɛe asase no.”

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help