Nnwom 67 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Dwom 67Dwom.

1Onyankopɔn nnom yɛn na ɔnhyira yɛn

ɔmma nʼanim nhyerɛn wɔ yɛn so,

2na ɔmma wɔnhunu nʼakwan wɔ asase so,

ne ne nkwagyeɛ wɔ amanaman no nyinaa mu.

3Ma adasamma nyi wo ayɛ, Ao Onyankopɔn;

ma nnipa nyinaa nkamfo wo.

4Ma amanaman ani nnye na wɔnto ahosɛpɛ dwom,

ɛfiri sɛ wodi nnipa no so tenenee mu

na woma asase so amanaman no akwankyerɛ.

5Ma adasamma nyi wo ayɛ, Ao Onyankopɔn;

ma nnipa nyinaa nkamfo wo!

6Afei asase no bɛbɔ ne nnɔbaeɛ,

na Onyankopɔn, yɛn Onyankopɔn ahyira yɛn.

7Onyankopɔn bɛhyira yɛn,

na wɔn a wɔte asase ano nyinaa bɛsuro no.

Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help