Hesekiel 27 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Tiro Ho Kwadwom

1 Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:

2“Onipa ba, ma kwadwom a ɛfa Tiro ho so.

3Ka kyerɛ Tiro a ɔda ɛpo aboboano, na ɔne adwadifoɔ bebree a wɔwɔ mpoano nkuro so di edwa sɛ, yei ne asɛm a Otumfoɔ Awurade seɛ:

“ ‘Woka sɛ, Ao Tiro,

“Me ho yɛ fɛ yie.”

4Wo tumidie wɔ ɛpo so akyirikyiri;

wʼadansifoɔ maa wʼahoɔfɛ wiee pɛyɛ

5Wo nnua a wɔpaeɛ nyinaa

yɛ pepeaa a ɛfiri Senir.

Wɔde Lebanon ntweneduro

na ɛyɛɛ ahyɛn so nnua maa woɔ.

6Odum nnua a ɛfiri Basan

na wɔde yɛɛ wʼatabono;

Kwabɔhɔrɔ nnua a ɛfiri Kipro mpoano

na wɔde yɛɛ wʼahyɛn abrannaa, a wɔde asonse asɛ so.

7Misraim nwera papa bi a wadi mu adwini

na wɔde yɛɛ wʼahyɛn so mframatoma

a ɛyɛɛ wo frankaa nso;

wʼapono ɛne ntokua ano ntoma yɛ bibitoma ne beredumtoma

a ɛfiri Elisa mpoano.

8Sidonfoɔ ne Arwadfoɔ na wɔhare wʼahyɛn;

wo mmarima anyansafoɔ, Ao Tiro

na wɔyɛ adwumayɛfoɔ wɔ wʼahyɛn mu.

9Gebal adwumfoɔ adadafoɔ tenaa wʼahyɛn mu

sɛ dua dwumfoɔ a wɔtuatua ahyɛn no mu ntokuro.

Ɛpo so ahyɛn ne wɔn hyɛn mufoɔ nyinaa

baa wo nkyɛn ne wo bɛdii nsesadwa.

10“ ‘Persia, Lidia ne Put mmarima

someeɛ sɛ asraafoɔ wɔ wʼakodɔm mu.

Wɔde wɔn akokyɛm ne dadeɛ ɛkyɛ

sensɛnee wʼafasuo ho,

de hyɛɛ wo animuonyam.

11Arwad ne Helek mmarima

wɛnee wʼafasuo ho nyinaa.

Gammad mmarima

tenaa wʼaban atentene mu.

Wɔde wɔn akokyɛm sensɛnee wʼafasuo ho

maa wʼahoɔfɛ dii mu.

12“ ‘Wʼadwadideɛ a ɛmaa wo nyaa wo ho bebree enti, Tarsis ne wo dii edwa. Wɔde dwetɛ, dadeɛ, sanya ne sumpii sesaa wʼadwadideɛ.

13“ ‘Helafoɔ, Tubalfoɔ ne Mesekfoɔ ne wo dii edwa. Wɔde nkoa ne kɔbere nneɛma sesaa wʼadetɔndeɛ.

14“ ‘Bet Togarma mmarima de adwumayɛ apɔnkɔ, ɔsa apɔnkɔ ne mfunumu mma bɛsesaa wʼadwadideɛ.

15“ ‘Roda mmarima ne wo dii edwa, na mpoano nkuro bebree yɛɛ wʼadetɔfoɔ a wɔde asonse ne duaboɔ nnua tuaa wo ka.

16“ ‘Aram ne wo dii edwa ɛsiane wo nneɛma bebrebe a woyɛ nti; wɔde nsrammaboɔ, ntoma a ɛberedum, deɛ wɔadi mu adwinneɛ, nwera pa, nnenkyenema ne bota bɛsesaa wʼadwadideɛ.

17“ ‘Yuda ne Israel ne wo dii edwa; wɔde ayuo a ɛfiri Minit ne krakase, ɛwoɔ, ngo ne aneneduhwam sesaa wʼadwadideɛ.

18“ ‘Damasko ne wo dii edwa wɔ nsã a ɛfiri Helbon ne nnwan ho nwi a ɛfiri Sahar mu, ɛsiane nneɛma a woyɛ ne wʼadwadideɛ a ama woanya wo ho bebree enti.

19Danfoɔ ne Helafoɔ a wɔfiri Usal tɔɔ wʼadwadideɛ na wɔde dadeɛ a wɔaboro, bɛwewonua ne mmɛtire sesaa wʼadetɔndeɛ.

20“ ‘Dedan de apɔnkɔ so adwatoma ne wo dii edwa.

21“ ‘Arabfoɔ ne Kedar mmapɔmma nyinaa yɛɛ wʼadwadifoɔ a wɔde nnwammaa, nnwennini ne mpapo ne wo dii edwa.

22“ ‘Seba ne Raama adwadifoɔ ne wo dii edwa; wɔde nnuhwam ahodoɔ a ɛte apɔ, aboɔdemmoɔ ne sikakɔkɔɔ ne wo bɛdii nsesadwa.

23“ ‘Haran, Kane ne Eden, adwadifoɔ a wɔfiri Seba, Asur ne Kilmad ne wo dii edwa.

24Wo dwaaso hɔ, wɔde ntoma a ɛyɛ fɛ, ɔpɔwtam a ɛyɛ tuntum, adwinneɛ ahodoɔ ne ntiasoɔtoma a ɛwɔ ahosu ahodoɔ a wɔde nhoma a wɔakyinkyim abobɔ no apɔɔpɔ na ayɛ ne wo bɛdii edwa.

25“ ‘Tarsis ahyɛn yɛ adwuma

sɛ asoafoɔ ma wʼadwadideɛ.

Adesoa duruduru ayɛ wo ma

wɔ ɛpo no mfimfini.

26Wʼaharefoɔ no fa wo

de wo kɔ ɛpo so akyirikyiri

nanso apueeɛ ahum bɛbubu wo mu nketenkete

wɔ ɛpo no mfimfini.

27Wʼahonya, adwadideɛ ne adetɔndeɛ

wʼahyɛn kwankyerɛfoɔ, wʼahyɛn mufoɔ ne

wɔn a wɔtuatua wʼahyɛn mu ntokuro,

wʼadwadifoɔ ne wʼasraafoɔ nyinaa,

ne obiara a ɔwɔ ɛhyɛn no mu

bɛmem akɔ ɛpo ase tɔnn

ɛda a wo hyɛn no bɛbɔ.

28Mpoano asase bɛwoso

ɛberɛ a wo hyɛn mufoɔ no reteateam.

29Wɔn a wɔkurakura atabon no nyinaa

bɛgya wɔn ahyɛn hɔ;

hyɛn akwankyerɛfoɔ ne hyɛn mufoɔ nyinaa

bɛgyinagyina mpoano.

30Wɔbɛma wɔn ɛnne so

asu osu yaaya ama wo;

wɔbɛpete mfuturo agu wɔn tiri so

na wɔayantanyantam nsõ mu.

31Wo enti wɔbɛbobɔ tikwa

na wɔafirafira ayitoma.

Wɔde ɔkra mu ahoyera

ne awerɛhoɔ a emu yɛ den

bɛgyam wo.

32Ɛberɛ a wɔretwa adwo redi awerɛhoɔ no,

wɔbɛma kwadwom bi a ɛfa wo ho so sɛ:

“Hwan na wama no atɔre mumu

te sɛ Tiro a ɛpo atwa ne ho ahyia yi?”

33Ɛberɛ a wʼadwadideɛ kɔɔ ɛpo ahodoɔ so no

woboaa aman bebree;

Wʼahonyadeɛ ne wʼadwadideɛ

maa asase so ahemfo nyaa wɔn ho.

34Afei ɛpo abubu wo mu nketenkete

wɔ nsuo no bunu mu

wʼadwadideɛ ne wʼadwumayɛfoɔ nyinaa

ne wo amem kɔ nsuo ase.

35Wɔn a wɔtete mpoano nyinaa

ho adwiri wɔn wɔ wo ho;

ehu ma wɔn ahemfo ho popo

na wɔn anim sinsiam.

36Aman no mu adwadifoɔ bɔ nsɔm gu wo so

woaba awieeɛ a ɛyɛ hu

na wɔrenhunu wo bio.’ ”

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help