Yeremia 15 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

1Afei, Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Sɛ mpo, Mose ne Samuel bɛgyinaa mʼanim a, mʼakoma rentɔ nkɔ saa nnipa yi so. Ma wɔmfiri mʼani so! Ma wɔnkɔ!

2Na sɛ wɔbisa wo sɛ, ‘Ɛhe na yɛnkorɔ’ a, ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Sei na Awurade seɛ:

“ ‘Wɔn a wɔahyɛ owuo ama wɔn no bɛkɔ owuom;

wɔn a wɔahyɛ akofena ama wɔn no bɛtotɔ akofena ano;

wɔn a wɔahyɛ ɛkɔm ama wɔn no, ɛkɔm bɛde wɔn;

wɔn a wɔahyɛ nnommumfa ama wɔn no bɛkɔ nnommumfa mu.’

3“Mede adesɛefoɔ ahodoɔ ɛnan bɛba wɔn so,” Awurade na ɔseɛ: “akofena a ɛbɛkum wɔn, nkraman a ɛbɛtwe wɔn ase akɔ, ewiem nnomaa ne asase so mmoa a wɔbɛtete wɔn nam asɛe wɔn.

4Mɛma wɔn ayɛ akyiwadeɛ ama asase so ahennie nyinaa ɛsiane deɛ Yudahene Hesekia babarima Manase yɛɛ wɔ Yerusalem enti.

5“Hwan na ɔbɛhunu wo mmɔbɔ, Ao Yerusalem?

Hwan na ɔbɛgyam wo?

Hwan na ɔbɛgyina abisa sɛdeɛ wo ho teɛ?

6Woapo me,” Awurade na ɔseɛ.

“Wogu akyirisane so ara.

Ɛno enti mɛtene me nsa wɔ wo so na masɛe wo.

Me yam renhyehye me mma wo bio.

7Mede huhusoɔ apaawa bɛhuhu wɔn so

wɔ asase no kuropɔn apono ano.

Mede owuo ne adesɛeɛ bɛba me nkurɔfoɔ so,

ɛfiri sɛ wɔnsesaa wɔn akwan.

8Mɛma wɔn akunafoɔ adɔɔso

asene mpoano anwea.

Mede ɔsɛefoɔ bɛba owigyinaeɛ

abɛtia wɔn mmeranteɛ maamenom;

mpofirim mede

ɔyea ne ehu bɛba wɔn so.

9Ɔbaatan a wawo nson bɛtɔ baha,

na wagyae mu.

Nʼawia bɛtɔ ɛberɛ a adeɛ nsaeɛ;

wɔbɛgu nʼanim ase abrɛ no ase.

Mede nkaeɛfoɔ no bɛma akofena

wɔ wɔn atamfoɔ anim,”

Awurade na ɔseɛ.

10Ao, me maame a wowoo me,

anka mewuiɛ a, anka ɛyɛ.

Asase sofoɔ nyinaa ne me ham, di apereapereɛ!

Memfɛm obi adeɛ, na memmɔɔ obi hɔ bosea,

nanso obiara dome me.

11 Awurade kaa sɛ,

“Nokorɛm mɛgye wo ama botaeɛ pa bi;

ampa ara mɛma wʼatamfoɔ apa wo kyɛw

wɔ amanehunu ne ahohia mmerɛ mu.

12“Onipa bɛtumi abu dadeɛ mu

dadeɛ a ɛfiri atifi fam, anaa kɔbere?

13“Mede mo ahodeɛ ne mo akoradeɛ

bɛma sɛ wɔmfom a wɔrentua ka,

ɛsiane mo nnebɔne nyinaa

wɔ mo ɔman no mu enti.

14Mede mo bɛyɛ nkoa ama mo atamfoɔ

wɔ ɔman a monnim soɔ so,

mʼabufuo bɛma ogya adɛre

na ɛbɛhye mo.”

15Wote aseɛ, Ao Awurade;

kae me na hwɛ me so.

Tɔ wɔn a wɔtaa me so awere.

Wowɔ abodwokyerɛ, mma me nwu;

hwɛ sɛdeɛ wo enti wɔbɔ me ahohora.

16Wo nsɛm baeɛ no, mediiɛ;

ɛyɛɛ mʼahosɛpɛ ne mʼakoma apɛdeɛ,

na wo din da me so,

Ao, Asafo Awurade Onyankopɔn.

17Mantena wɔn a wɔgye wɔn ani fekuo mu.

Me ne wɔn annye wɔn ani;

metee me ho tenaeɛ, ɛfiri sɛ wo nsa daa me so

na wʼabofuo hyɛɛ me ma.

18Adɛn enti na me yea to ntwa da

na mʼapirakuro ayɛ nkudaa a ano yɛ den?

Wopɛ sɛ woyɛ sɛ nnaadaa asuwa ma me,

sɛ asutire a ɛweɛ anaa?

19Enti sei na Awurade seɛ,

“Sɛ wosakyera wʼadwene a, mɛgye wo ato mu bio

na wasom me;

sɛ nsɛm a ɛdi mu firi wʼanomu, na ɛnyɛ nsɛm huhuo a,

wobɛyɛ me kasamafoɔ.

Ma saa nnipa yi nnane mmra wo nkyɛn,

na wo deɛ ɛnsɛ sɛ wodane kɔ wɔn nkyɛn.

20Mede wo bɛyɛ ɔfasuo ama saa nnipa yi,

banbɔ ɔfasuo a wɔde kɔbere ato;

wɔ ne wo bɛdi asie

nanso wɔrenni wɔ so nkonim,

ɛfiri sɛ me ne wo wɔ hɔ

sɛ mɛyi wo na magye wo nkwa,”

Awurade, na ɔseɛ.

21“Mɛgye wo nkwa afiri amumuyɛfoɔ nsam

na mayi wo afiri atirimuɔdenfoɔ nsam.”

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help