Mmɛbusɛm 16 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

1Akoma mu nhyehyɛeɛ yɛ onipa dea,

na tɛkrɛma mmuaeɛ firi Awurade.

2Ɛyɛ onipa sɛ nʼakwan nyinaa yɛ kronn

nanso Awurade na ɔpɛɛpɛɛ adwene mu.

3Fa deɛ woyɛ nyinaa hyɛ Awurade nsam,

na wo nhyehyɛeɛ bɛsi yie.

4 Awurade yɛ biribiara ma nʼankasa botaeɛ,

mpo, ɔhwɛ omumuyɛfoɔ kɔsi amanehunu da.

5 Awurade kyiri akoma mu ahantanfoɔ nyinaa.

Nya saa nteaseɛ yi sɛ, wɔremfa wɔn ho nni.

6Wɔnam ɔdɔ ne nokorɛ so pata bɔne;

onipa nam Awurade suro so yi bɔne akwa.

7Sɛ onipa akwan sɔ Awurade ani a,

ɔma nʼatamfoɔ mpo ne no tena asomdwoeɛ mu.

8Kakraa bi a wɔnam tenenee kwan so nya no yɛ

sene mfasoɔ pii a wɔnam ntɛnkyea so nya.

9Onipa yɛ ne nhyehyɛeɛ wɔ nʼakoma mu,

nanso Awurade na ɔhwɛ nʼanammɔntuo.

10Ɔhene anomu kasa te sɛ nkɔmhyɛ,

enti ɛnsɛ sɛ nʼano ka deɛ ɛnyɛ atɛntenenee.

11Nsania ne abrammoɔ a nsisie nni mu firi Awurade;

nkariboɔ a ɛwɔ kotokuo mu no, ɔno na ɔyɛeɛ.

12Ahemfo kyiri bɔneyɛ,

ɛfiri sɛ ahennwa si tenenee so.

13Ahemfo ani sɔ ano a ɛka nokorɛ;

na wɔbu onipa a ɔka nokorɛ.

14Ɔhene abufuhyeɛ yɛ owuo somafoɔ,

nanso onyansafoɔ bɛdwodwo ano.

15Sɛ ɔhene anim te a, ɛyɛ nkwa,

nʼadom te sɛ osutɔberɛ mu osumuna.

16Ɛyɛ sɛ wobɛnya nyansa sene sɛ wobɛnya sikakɔkɔɔ,

sɛ wobɛnya nhunumu sene sɛ wobɛnya dwetɛ!

17Ɔteneneeni kwantempɔn kwati bɔne;

deɛ ɔhwɛ nʼakwan yie no bɔ ne nkwa ho ban.

18Ahantan di ɔsɛeɛ anim,

na ahomasoɔ honhom nso di ahweaseɛ anim.

19Ɛyɛ sɛ wobɛyɛ honhom mu hiani wɔ wɔn a wɔhyɛ wɔn so mu

sene sɛ wo ne ahantanfoɔ bɛkyɛ afodeɛ.

20Deɛ ɔyɛ ɔsetie ma nkyerɛkyerɛ no nya nkɔsoɔ;

nhyira nka deɛ ɔde ne ho to Awurade so.

21Wɔfrɛ akoma mu anyansafoɔ sɛ nhunumufoɔ,

na kasa pa ma nkyerɛkyerɛ kɔ so.

22Nteaseɛ yɛ nkwa nsutire ma wɔn a wɔwɔ bi,

nanso agyimisɛm de asotweɛ brɛ nkwaseafoɔ.

23Onyansafoɔ akoma kyerɛ nʼano kwan,

na nʼanofafa ma nkyerɛkyerɛ kɔ so.

24Abodwosɛm te sɛ ɛwokyɛm

ɛyɛ ɔkra dɛ, na ɛsa nnompe yadeɛ.

25Ɛkwan bi wɔ hɔ a ɛyɛ wɔ onipa ani so,

nanso ɛkɔwie owuo mu.

26Odwumayɛfoɔ akɔnnɔ ma no yɛ adwuma den;

ɛfiri sɛ ɔpɛ sɛ ɔkum ne kɔm.

27Ohuhuni bɔ pɔ bɔne,

ne kasa te sɛ egyadɛreɛ a ɛhye adeɛ.

28Onipa kɔntɔnkye de mpaapaemu ba,

na osekuni tete nnamfonom ntam.

29Basabasayɛni daadaa ne yɔnko

na ɔde no fa ɛkwammɔne so.

30Deɛ ɔbu nʼani no redwene bɔneyɛ ho;

na deɛ ɔmua nʼano no ani wɔ bɔne so.

31Ɛdwono yɛ animuonyam abotire;

tenenee mu asetena na ɛde ba.

32Deɛ ɔwɔ abodwokyerɛ no yɛ sene ɔkofoɔ,

na deɛ ɔmfa abufuo yɛ sene deɛ ɔko fa kuropɔn.

33Wɔtwe ntonto de hwehwɛ deɛ Awurade pɛ,

nanso ne gyinasie biara firi Awurade.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help