1Onyankopɔn di ɔhene wɔ ɔsoro asafo mu;
ɔbu atɛn wɔ “anyame” mu.
2“Wobɛbɔ wɔn a wɔnteneɛ ho ban
na woayɛ animhwɛ ama amumuyɛfoɔ akɔsi da bɛn?
3Monka mmɔborɔfoɔ ne nwisiaa asɛm mma wɔn;
mommɔ ahiafoɔ ne wɔn a wɔhyɛ wɔn so yiedie ho ban.
4Monnye ɔbrɛfoɔ ne ohiani;
monnye wɔn mfiri amumuyɛfoɔ nsam.
5“Wɔnnim hwee, na wɔnte hwee ase.
Wɔkyinkyini wɔ esum mu;
na asase fapem nyinaa woso.
6“Mekaa sɛ, ‘Moyɛ “anyame”;
mo nyinaa yɛ Ɔsorosoroni no mma.’
7Nanso, mobɛwuwu sɛ nnipa pɛ;
na moahwe ase sɛ sodifoɔ biara.”
8Ao Onyankopɔn, sɔre na bɛbu ewiase atɛn;
ɛfiri sɛ amanaman nyinaa yɛ wo dea.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
