1 Berɛsosɛm 17 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Awurade

Apam Bɔhyɛ A Ɔde Maa Dawid

1Afei, ɛberɛ a Dawid nyaa atenaseɛ wɔ nʼahemfie hɔ no, ɔka kyerɛɛ odiyifoɔ Natan sɛ, “Me deɛ manya ahemfie a wɔde ntweneduro asi no fɛfɛ mu atena, nanso Awurade Apam Adaka no deɛ, ɛhyɛ ntomadan mu.”

2Natan buaa sɛ, “Deɛ ɛwɔ wʼadwene mu a wopɛ sɛ woyɛ no, kɔ so na Onyankopɔn ka wo ho.”

3Saa anadwo no ara, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Natan sɛ,

4“Kɔka kyerɛ me ɔsomfoɔ Dawid sɛ, ‘Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: ɛnyɛ wo na ɛsɛ sɛ wosi asɔredan ma me tena mu.

5Ɛfiri ɛberɛ a mede Israelfoɔ firii Misraim bɛsi ɛnnɛ, mentenaa asɔredan mu da. Daa, mete ntomadan mu na wɔde di atutena.

6Na mannwiinwii ankyerɛ Israel ntuanofoɔ no a wɔyɛ me nkurɔfoɔ nnwanhwɛfoɔ no da. Memmisaa wɔn da sɛ: “Adɛn enti na momfaa ntweneduro nsii efie mmaa me da?” ’

7“Afei, kɔka kyerɛ me ɔsomfoɔ Dawid sɛ, ‘Sɛdeɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie: Meyii wo sɛ di me nkurɔfoɔ Israelfoɔ anim wɔ ɛberɛ a na woyɛ abarimaa dwanhwɛfoɔ a worehwɛ wo nnwan wɔ adidibea.

8Baabiara a wokɔeɛ no, mekaa wo ho. Na masɛe wʼatamfoɔ nyinaa. Na mɛma wɔagye edin wɔ asase yi nyinaa so.

9Mama me nkurɔfoɔ Israelfoɔ no baabi a wɔbɛtena afebɔɔ. Beaeɛ bi a ɛwɔ banbɔ a obiara renha wɔn. Ɛhɔ bɛyɛ wɔn ankasa asase a aman amumuyɛfoɔ renhyɛ wɔn so, sɛdeɛ wɔyɛɛ wɔ ɛberɛ bi a atwam no,

10firi ɛberɛ a meyii atemmufoɔ sɛ wɔnni me nkurɔfoɔ so no. Na mɛka wʼatamfoɔ nyinaa ahyɛ.

“ ‘Na merepae mu aka sɛ, Awurade bɛsi efie ama wo, ahennie nnidisoɔ.

11Na sɛ wowu a, mɛma wo mmammarima no mu baako so, na mama nʼahennie ayɛ den.

12Ɔno ne obi a ɔbɛsi efie a ɛyɛ asɔredan no ama me. Na mɛtim nʼahennwa ase afebɔɔ.

13Mɛyɛ nʼagya na ɔbɛyɛ me ba. Merenyi me dɔ a ɛnsa da no mfiri ne so, sɛdeɛ meyi firii Saulo a wodii nʼadeɛ so no.

14Mɛma nʼase atim wɔ mʼahennie nnidisoɔ ne mʼaheman mu ɛberɛ nyinaa mu, na nʼahennwa no bɛtena hɔ daa.’ ”

15Enti, Natan sane kɔɔ Dawid nkyɛn kɔkaa saa adiyisɛm yi nyinaa kyerɛɛ no.

Dawid Aseda Mpaeɛbɔ

16Afei, ɔhene Dawid kɔtenaa Awurade anim bɔɔ mpaeɛ sɛ,

“Me ne hwan, Ao Awurade Onyankopɔn, na mʼabusua yɛ abusua bɛn a enti wode me abɛduru saa tebea yi mu?

17Na seesei, Awurade, yei nyinaa akyi no, woka sɛ wobɛma me ahennie nnidisoɔ afebɔɔ. Wokasa me ho te sɛ obi a meyɛ ɔkɛseɛ pa ara, Ao Awurade Onyankopɔn!

18“Ɛdeɛn na menka bio mfa ɛkwan a woafa so ahyɛ me animuonyam yi ho? Wonim sɛdeɛ wʼakoa teɛ ankasa.

19Ao Awurade, me enti ne wo pɛ mu enti, woayɛ saa nneɛma akɛseɛ yi nyinaa, na woada no adi.

20“Ao Awurade, obiara nni hɔ a ɔte sɛ wo. Onyame foforɔ bi nni hɔ! Yɛntee da mpo sɛ onyame foforɔ bi wɔ hɔ te sɛ wo!

21Ɔman foforɔ bɛn na ɛwɔ asase so a, ɛte sɛ Israel? Ɔman foforɔ bɛn, Ao Onyankopɔn, na woayi no afiri nkoasom mu de wɔn abɛyɛ wʼankasa wo nkurɔfoɔ? Ɛberɛ a wogyee wo nkurɔfoɔ firii Misraim no, wode gyee edin. Wonam nsɛnkyerɛnneɛ a ɛyɛ ahodwirie so pamoo aman a wɔayɛ akwansideɛ ama wɔn.

22Woyii Israel sɛ wɔmmɛyɛ wo nkurɔfoɔ afebɔɔ, na wo, Ao Awurade, woabɛyɛ wɔn Onyankopɔn.

23“Ao Awurade, afei di ɛbɔ a wohyɛ faa wʼakoa ne ne mʼabusuafoɔ ho no so. Ma ɛnyɛ bɔhyɛ a ɛbɛtena hɔ daa.

24Wo din ase ntim, na wɔnhyɛ no animuonyam afebɔɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ewiase nyinaa bɛka sɛ, ‘Awurade Otumfoɔ yɛ Onyankopɔn wɔ Israel!’ Na ma wo ɔsomfoɔ Dawid ahennie nnidisoɔ no ase ntim wɔ wʼanim.

25“Ao me Onyankopɔn, masi me bo abɔ saa mpaeɛ yi, ɛfiri sɛ, woada no adi sɛ wobɛsi fie ama me, mʼahennie nnidisoɔ a ɛbɛtena hɔ daa.

26Ɛfiri sɛ, woyɛ Onyankopɔn, Ao Awurade. Na me, wo ɔsomfoɔ, woahyɛ me nneɛma pa yi ho bɔ.

27Na afei, asɔ wʼani sɛ wobɛhyira me ne mʼabusuafoɔ, sɛdeɛ yɛn ahennie nnidisoɔ bɛkɔ so afebɔɔ wɔ wʼanim. Na sɛ wohyira a, Ao Awurade, ɛyɛ nhyira a ɛtena hɔ daa nyinaa!”

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help