Efesofoɔ Nnianimu - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)
NnianimuƐberɛ a Paulo da afiase no na ɔtwerɛɛ saa krataa yi kɔmaa Efesofoɔ. Na Akristofoɔ a wɔwɔ Efeso no bu wɔn ho sene Akristofoɔ a aka no nyinaa. Ɛno enti, ɛmaa wontwiwontwi bi sii Yudasom Akristofoɔ ne wɔn a wɔnyɛ Yudasom Akristofoɔ no ntam. Paulo kyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ Akristofoɔ nyinaa yɛ baako wɔ saa krataa yi mu. Ɔkɔɔ so sɛ, ɛsɛ sɛ yɛde ɔdɔ ne bɔnefakyɛ ahoma a ɛwɔ Kristo a ɔyɛ asafo no ti no kyekyere yɛn ho.Emu NsɛmNkyea (1.1-2)Nkyerɛkyerɛ sononko bi (1.3–3.21)Ɛfo a ɔtuu asafo no (4.1–6.20)Asɛnka no awieeɛ (6.21-23)