Nnwom 127 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Dwom 127Ɔsoroforɔ dwom. Salomo deɛ.

1Sɛ Awurade ansi ɛdan no a,

adansifoɔ no yɛ ho adwuma kwa.

Sɛ Awurade ammɔ kuropɔn no ho ban a,

awɛmfoɔ no wɛn kwa.

2Ɔkwa ara na wosɔre anɔpahema

na woyɛ adwumaden brɛ kɔsi anadwo,

ansa na woanya wʼano aduane.

Ɛyɛ kwa, ɛfiri sɛ, wɔn a ɔdɔ wɔn no, ɔma wɔda.

3Mmammarima yɛ agyapadeɛ a ɛfiri Awurade hɔ,

na mma yɛ akatua a ɛfiri noɔ.

4Mmammarima a wɔwo wɔn mmeranteberɛ mu no

te sɛ agyan a ɛhyɛ ɔsraani nsam.

5Nhyira ne onipa a

nʼagyan kotokuo ayɛ ma.

Wɔn anim rengu ase

ɛberɛ a wɔahyia wɔn atamfoɔ wɔ kuro ɛpono ano.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help