1“ ‘Bosome a ɛtɔ so nson no ɛda a ɛdi ɛkan wɔ afe biara mu no, monhyɛ totorobɛnto afahyɛ no. Nnipa no nyinaa de kommyɛ bɛhyia na obiara renyɛ adwuma biara.
2Saa ɛda no, mode nantwie ba baako, odwennini baako ne nnwammaanini nson a wɔadi afe a wɔnnii dɛm bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ. Yeinom yɛ afɔrebɔdeɛ a Awurade ani bɛsɔ na nʼani nso bɛgye ho.
3Mode aburoo lita nsia ne fa a wɔayam no muhumuhu a wɔde ngo afra bɛbɔ aburoo afɔdeɛ no a nantwie no ka ho. Wɔde lita ɛnan bɛka odwennini no ho
4ɛnna lita mmienu ne fa nso ka nnwammaa no baako biara ho.
5Ɛsɛ sɛ mosane de ɔpapo bɔ bɔne ho afɔdeɛ de yei yɛ mo mpatadeɛ.
6Saa afɔrebɔ sononko yi ka ɔhyeɛ afɔdeɛ a mobɔ no bosome biara ne ɛda no deɛ no ho; afei nso, ɛka daa ɔhyeɛ afɔdeɛ a mobɔ a aburoo ne nsã afɔrebɔ ka ho no ho sɛdeɛ afɔrebɔ no ho mmara teɛ no. Ɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ a ɛsɔ Awurade ani.
Mpata Da Afɔrebɔ7“ ‘Bosome a ɛtɔ so nson no ɛda a ɛtɔ so edu no, ɛsɛ sɛ nnipa no nyinaa sane hyia bio. Ɛyɛ ɛda a ɛsɛ sɛ nnipa no nyinaa yɛ komm ahobrɛaseɛ mu wɔ Awurade anim, na ɛnsɛ sɛ wɔn mu biara yɛ adwuma biara.
8Saa ɛda no, mobɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ama Awurade—nʼani bɛsɔ. Afɔrebɔdeɛ no yɛ nantwie ba baako, odwennini baako, nnwammaanini nson a wɔadi afe a wɔnnii dɛm biara.
9Fa nantwie ba no siesie atokoɔ afɔdeɛ a mode asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu ne ngo lita nsia ne fa afra.
10Lita ɛnan na mode bɛka odwennini no ho ɛnna mode lita mmienu ne fa aka odwammaa baako biara ho.
11Ɛsɛ sɛ mode ɔpapo baako bɔ bɔne ho afɔdeɛ. Yei ka bɔne afɔrebɔdeɛ a wɔbɔ de pata ne ɔhyeɛ afɔdeɛ a wɔbɔ no daadaa a aduane afɔrebɔdeɛ ne nsã afɔdeɛ ka ho.
Asese Afahyɛ12“ ‘Bosome a ɛtɔ so nson no ɛda a ɛtɔ so dunum no, ɛsɛ sɛ nnipa no nyinaa sane hyia bio. Ɛnsɛ sɛ ɛda no, obiara yɛ adwuma. Ɛyɛ nnanson afahyɛ ahyɛaseɛ wɔ Awurade anim.
13Nneɛma a mode bɛbɔ saa afɔdeɛ sononko yi ama Awurade ani asɔ no bɛyɛ nantwie mma dumiɛnsa, nnwennini mmienu ne nnwammaanini a wɔadi afe a wɔnnii dɛm biara dunan.
14Ɛsɛ sɛ, sɛdeɛ moyɛ no daa no, mode atokoɔ afɔrebɔdeɛ, asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu lita nsia ne fa ka anantwie mma dumiɛnsa no biara ho. Lita ɛnan ka nnwennini no baako biara ho
15ɛnna lita mmienu ne fa aka nnwammaa dunan no baako biara ho.
16Ɛsɛ sɛ mode ɔpapo bɔ bɔne ho afɔdeɛ ka daa ɔhyeɛ afɔdeɛ a mobɔ no ho a aburoo ne nsã afɔdeɛ ka ho.
17“ ‘Ɛda a ɛtɔ so mmienu wɔ saa nnanson afahyɛ no mu no, mode anantwie mma dumienu, nnwennini mmienu ne nnwammaanini a wɔadi afe dunan a wɔnnii dɛm biara bɛbɔ afɔdeɛ.
18Saa afɔrebɔdeɛ yi mu biara, mode anantwinini, nnwennini ne nnwammaa no ho aduane ne nsã afɔrebɔdeɛ a wɔahyɛ no bɛka ho.
19Ɔhyeɛ afɔrebɔ a mobɔ no daa akyi no, mode ɔpapo bɛka atokoɔ afɔrebɔdeɛ ne nsã afɔrebɔdeɛ no ho abɔ bɔne ho afɔdeɛ.
20“ ‘Afahyɛ ɛda a ɛtɔ so mmiɛnsa no so no, mode anantwie mmaa dubaako, nnwennini mmienu, nnwammaanini a wɔadi afe no dunan a wɔnnii dɛm biara
21a sɛdeɛ moyɛ no daa no, mode anantwie, nnwennini ne nnwammaa no ne aduane ne nsã afɔrebɔdeɛ bɛka afɔrebɔdeɛ biara ho.
22Ɛsɛ sɛ mode ɔpapo bɔ bɔne ho afɔdeɛ de ka daa ɔhyeɛ afɔrebɔ no ho a atokoɔ afɔrebɔdeɛ ne nsã afɔrebɔdeɛ ka ho.
23“ ‘Afahyɛ a ɛtɔ so nan no, mode anantwie mma edu, nnwennini mmienu, ne nnwammaanini a wɔadi afe no dunan a wɔnnii dɛm biara
24a mode atokoɔ afɔrebɔdeɛ ne nsã afɔrebɔdeɛ bɛka wɔn mu biara ho.
25Afei, momfa ɔpapo a sɛdeɛ moyɛ daa no atokoɔ ne nsã afɔrebɔdeɛ ka ho nka afɔrebɔ a mobɔ no daa no ho.
26“ ‘Afahyɛ ɛda a ɛtɔ so enum no, momfa anantwie mma nkron, nnwennini mmienu ne nnwammaanini a wɔadi afe no dunan a wɔnnii dɛm biara.
27Sɛdeɛ moyɛ no daa no, mode atokoɔ afɔrebɔdeɛ ne nsã afɔrebɔdeɛ bɛka ho.
28Momfa ɔpapo a aburoo afɔrebɔdeɛ ne nsã afɔrebɔdeɛ ka ho mmɔ bɔne ho afɔdeɛ sononko nka afɔdeɛ ahodoɔ a mobɔ no daa no ho.
29“ ‘Afahyɛ ɛda a ɛtɔ so nsia no, mode anantwie mma nwɔtwe, nnwennini mmienu ne nnwammaanini a wɔadi afe a wɔnnii dɛm biara dunan
30bɛka wɔn atokoɔ ne wɔn nsã afɔrebɔdeɛ no ho sɛdeɛ moyɛ no daa no.
31Momfa ɔpapo a atokoɔ afɔrebɔdeɛ ne nsã afɔrebɔdeɛ ka ho mmɔ bɔne ho afɔdeɛ sɛdeɛ moyɛ no daa no.
32“ ‘Afahyɛ ɛda a ɛtɔ so nson no, mode anantwie mma nson, nnwennini mmienu ne nnwammaanini a wɔadi afe a wɔnnii dɛm biara dunan
33a mode atokoɔ ne nsã afɔrebɔdeɛ bɛka wɔn mu biara ho bɛbɔ afɔdeɛ.
34Afei, mode ɔpapo baako bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ a atokoɔ ne nsã afɔrebɔdeɛ ka ho aka daa afɔrebɔ no ho sɛdeɛ moyɛ no daa no.
35“ ‘Ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe no, frɛ nnipa no nyinaa na wɔnhyia kommyɛ so. Ɛnsɛ sɛ moyɛ adwuma biara saa ɛda no.
36Mommɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ. Awurade ani sɔ saa afɔdeɛ no. Momfa nantwie ba baako, odwennini baako, nnwammaanini a wɔadi afe a wɔnnii dɛm nson mmɔ afɔdeɛ.
37Na sɛ morebɔ saa afɔdeɛ no a, momfa atokoɔ ne nsã afɔrebɔdeɛ nka ho.
38Afei, mode ɔpapo baako bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ a atokoɔ ne nsã afɔrebɔdeɛ ka ho a daa afɔdeɛ a mobɔ no nso ka ho.
39“ ‘Sɛ mohyia didi afirinhyia no mu a, twa ara na ɛtwa sɛ mobɔ saa afɔdeɛ yi ma Awurade. Na ɛka mo afɔrebɔ a mobɔ fa ɛbɔ a moahyɛ anaa deɛ ɛfiri mo pɛ mu a ɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ, atokoɔ afɔdeɛ, nsã afɔdeɛ anaa asomdwoeɛ afɔdeɛ no ho.’ ”
40Mose kaa saa mmara yi nyinaa kyerɛɛ Israelfoɔ no sɛdeɛ Awurade hyɛɛ no no.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.