1“Na afei, onipa ba, fa ntayaa bi to wʼanim na kurukyire Yerusalem kuropɔn mfoni wɔ so.
2Si otua ho nnwuma ma no: yɛ apie tia no, yɛ mpampim ne nsraban wɔ ho, na fa obubuadaban nnua twa ho hyia.
3Afei, fa dadeɛ kyɛmferɛ to ɔfasuo wɔ wo ne kuropɔn no ntam na dane wʼani kyerɛ no. Wɔbɛtua kuropɔn no, na wo na wobɛtua no. Yei bɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ama Israel efie.
4“Afei, da wo benkum so na fa Israel bɔne to wo ho so. Wobɛsoa wɔn bɔne nna dodoɔ a wode da wo fa so no.
5Mede wɔn bɔne mfeɛ no mayɛ nna dodoɔ mama wo. Enti nnafua ahasa ne aduɔkron (390) na wode bɛsoa Israelfoɔ bɔne.
6“Ɛno akyi, da bio wɔ wo nifa so na soa Yudafoɔ bɔne adaduanan a ɛda koro biara bɛyɛ afe baako.
7Dane wʼani kyerɛ Yerusalem mpampim na fa nsa pan hyɛ nkɔm tia no.
8Mede ntampehoma bɛkyekyere wo sɛdeɛ worentumi nnane wo ho kɔsi sɛ otua nna no bɛba nʼawieeɛ.
9“Fa atokoɔ ne ayuo, asɛ ne asɛdua, kɔkɔte ne aburoo; fa ne nyinaa gu adekora kuruwa mu na fa to burodo a wobɛdi. Yei na wobɛdi wɔ nnafua ahasa ne aduɔkron a woda wo fa so no.
10Kari aduane gram ahanu ne aduasa (230) a wobɛdi no ɛda koro biara wɔ ɛberɛ ano, berɛ ano.
11Afei, susu nsuo sukuruwa baako na nom no berɛ ano berɛ ano.
12Di aduane no sɛdeɛ anka wobɛdi atokoɔ ɔfam; to ma nnipa nhunu, na fa onipa agyanan yɛ ogya.”
13Awurade kaa sɛ: “Saa ara na Israelfoɔ bɛdi aduane a wɔagu ho fi wɔ amanaman a mɛpam wɔn akɔ so no.”
14Na mekaa sɛ, “Ɛnte saa, Otumfoɔ Awurade! Menguu me ho fi da. Ɛfiri me mmɔfraase bɛsi saa ɛberɛ yi, mennii aboa funu anaa deɛ nkekaboa bi akum no atete ne mu da. Ɛnam a ɛho agu fi nkaa mʼano da.”
15 Awurade kaa sɛ, “Ɛyɛ, mɛma wode nantwie agyanan asi onipa deɛ anan mu, na wato wo burodo wɔ so.”
16Afei ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Onipa ba, mɛtwa aduane a wɔde ba Yerusalem so. Nnipa no de ahoyera bɛdi aduane a wɔkyekyɛ mu, na wɔde abasamutuo anom nsuo a wɔkyekyɛ,
17ɛfiri sɛ aduane ne nsuo ho bɛyɛ den. Wɔn ho bɛdwiri wɔn sɛ wɔhunu wɔn ho wɔn ho, na wɔn bɔne enti, wɔbɛfonfɔn.”
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
