1 Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ ɔnhyɛ Israelfoɔ mmara sɛ,
2“Sɛ ɔbaa bi wo ɔbabarima a, ne ho nnte nnanson, te sɛ deɛ ɔkɔ afikyire a ne ho nteɛ no ara.
3Ne nnawɔtwe so no, ɛsɛ sɛ wɔtwa abarimaa no twetia.
4Na nnafua aduasa mmiɛnsa a ɛda nʼanim a ɔde rete ne ho no, ɛnsɛ sɛ ɔsɔ biribiara a ɛyɛ kronkron mu na ɔnni ho kwan sɛ ɔkɔ hyiadan mu nso.
5Sɛ ɔbaa bi wo ɔbabaa a, ne ho nnte nnawɔtwe mmienu, te sɛ deɛ ɔkɔ afikyire a ne ho nteɛ no ara. Afei ɛsɛ sɛ ɔtwɛn nnafua aduosia nsia ma ne ho twa.
6“Sɛ saa ahoteɛ nna yi twam a (mmara a ɛdi so yi ka ɔbaa a wawo abarimaa anaa abaayewa ho asɛm), ɛsɛ sɛ ɔde odwammaa a wadi afe bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ na ɔde aborɔnoma anaa aturukuku ba bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ. Ɛsɛ sɛ ɔde wɔn kɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no ano kɔma ɔsɔfoɔ no,
7na ɔsɔfoɔ no de ama Awurade de ayɛ mpatadeɛ ama ɛna no; ɛba saa a, ne ho te bio wɔ nʼawoɔ mu mogyaguo ho.
“Yei ne awoɔ akyi ahyɛdeɛ.
8Na sɛ ɔyɛ ohiani a ɔrennya odwammaa no a, ɛnneɛ, ɛsɛ sɛ ɔde mmorɔnoma mmienu anaa nturukuku mma mmienu ba. Wɔde baako bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ na wɔde baako abɔ bɔne ho afɔdeɛ. Ɔsɔfoɔ no de yeinom bɛyɛ mpatadeɛ ama no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ne ho bɛte bio.”
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
