1Mose ne Aaron yɛɛ anwanwadeɛ yi kyerɛɛ mpanimfoɔ no wieeɛ no, wɔkɔhunuu Farao. Wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Awurade, Israel Onyankopɔn se yɛmmɛka asɛm bi nkyerɛ wo. Ɔse, ‘Ma me nkurɔfoɔ mfiri ha nkɔ ɛserɛ so nkɔbɔ afahyɛdwa kronkron wɔ hɔ mfa nsɔre me.’ ”
2Farao bisaa sɛ, “Ampa? Na hwan ne Awurade a ɛsɛ sɛ metie no na mema Israelfoɔ no kɔ? Mennim Awurade biara enti meremma Israelfoɔ no nkɔ.”
3Nanso, Aaron ne Mose tii mu bio sɛ, “Hebri Onyankopɔn ne yɛn ahyia. Ɛsɛ sɛ yɛtu nnansa ɛkwan kɔ ɛserɛ so kɔbɔ afɔdeɛ wɔ hɔ de ma Awurade, yɛn Onyankopɔn. Na sɛ yɛantie no a, ɔyaredɔm anaa sekan ano na yɛbɛwuwuo.”
4Farao bisaa sɛ, “Mose ne Aaron, adɛn enti na morema nkurɔfoɔ no agyae wɔn nnwuma? Monkɔ mo nnwuma so ntɛm!”
5Farao toaa so sɛ, “Seesei, saa nnipa no dɔɔso sene ɔmanfoɔ no, nanso mopɛ sɛ moma ahɔhoɔ no gyae adwumayɛ.”
6Ɛda no ara, Farao somaa nnipa maa wɔkɔka kyerɛɛ wɔn a wɔhwɛ Israelfoɔ no so no sɛ,
7“Mommma nnipa no ɛserɛ a wɔde bɛyɛ ntayaa no bio! Momma wɔn ankasa nkɔtwa ɛserɛ no.
8Afei, ntayaa dodoɔ a wɔtwa no nso, monnte so baako koraa, ɛfiri sɛ, asɛm a wɔaka no da no adi pefee sɛ, wɔyɛ akwadwofoɔ enti na wɔreka sɛ wɔrekɔ ɛserɛ so akɔbɔ wɔn Awurade afɔdeɛ no.
9Momma wɔn adwuma no mu nyɛ den, na ɛmmee wɔn na wɔankɔtie atosɛm biara.”
10Enti, adwumasohwɛfoɔ ne wɔn akwankyerɛfoɔ no ka kyerɛɛ Hebrifoɔ no sɛ, “Farao aka akyerɛ yɛn sɛ yɛmmma mo ɛserɛ bio.
11Mo ara monkɔkyini nhwehwɛ bi, nanso ntayaa a motwa no, montwa dodoɔ saa ara.”
12Enti, Hebrifoɔ kyinkyinii Misraim asase so nyinaa sɛ wɔrekɔhwehwɛ ɛserɛ no bi.
13Adwumasohwɛfoɔ no hyɛɛ wɔn atirimuɔden so sɛ, “Montwa ntayaa dodoɔ sɛdeɛ na motwa no.”
14Afei, Misraimfoɔ adwumasohwɛfoɔ no kaa Hebrifoɔ mpanimfoɔ a wɔde wɔn atuatua adwuma no ano sɛ akwankyerɛfoɔ no mmaa, bisaa wɔn sɛ, “Adɛn enti na moanwie ntayaa a wɔahyɛ sɛ montwa no nnora ne ɛnnɛ no nyinaa sɛdeɛ na moyɛ kane no?”
15Mpanimfoɔ yi kɔɔ Farao nkyɛn kɔsrɛɛ no sɛ, “Yɛsrɛ wo, nha yɛn saa,
16ɛfiri sɛ, wɔmma yɛn ɛserɛ nso wɔhyɛ yɛn sɛ yɛntwa ntayaa dodoɔ sɛdeɛ na yɛtwa no. Wɔka yɛn mmaa ɛberɛ a yɛnyɛɛ mfomsoɔ biara. Mfomsoɔ no mfiri yɛn. Ɛfiri adwumasohwɛfoɔ no, ɛfiri sɛ, wɔhyɛ yɛn sɛ yɛnyɛ adwuma a ɛboro yɛn ahoɔden so.”
17Nanso, Farao buaa sɛ, “Monni dwuma bi di, na sɛ mowɔ dwuma bi di a, anka morenka sɛ, ‘Momma yɛnkɔbɔ afɔdeɛ mma Awurade.’
18Monsane nkɔyɛ adwuma ntɛm. Obiara remma mo ɛserɛ, nanso ntayaa dodoɔ a motwa no daa no, saa ara na mobɛtwa.”
19Ɛberɛ a wɔka kyerɛɛ Israelfoɔ mpanimfoɔ a wɔdi adwuma no anim sɛ akwankyerɛfoɔ no sɛ ɛsɛ sɛ wɔtwa ntayaa no dodoɔ sɛdeɛ wɔyɛ daa no, wɔhunuu sɛ ahokyere aba.
20Ɛberɛ a wɔfiri Farao anim baeɛ a wɔhunuu sɛ Mose ne Aaron retwɛn wɔn wɔ ahemfie no ho no,
21wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Awurade mmu mo atɛn sɛ moama Farao ne ne nkurɔfoɔ anya yɛn ho menasepɔ, na enti wama wɔn ɛkwan sɛ wɔnkum yɛn.”
22Asɛm yi maa Mose kɔɔ Awurade nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Awurade, adɛn enti na woma wo manfoɔ brɛ saa? Sɛ wonim sɛ wobɛyɛ wɔn saa a, adɛn enti na wosomaa me?
23Ɛfiri ɛberɛ a mekɔkaa wo nkra no kyerɛɛ Farao no, tan ara na ɔretan wɔn ani, nanso wonnyee wɔn ɛkwan biara so!”
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.