Nnwom 46 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Dwom 46Kora mma dwom. Wɔto no “alamot” sankuo nne so.

1Onyankopɔn ne yɛn dwanekɔbea ne yɛn ahoɔden,

amanehunu mu ɔboafoɔ a ɔwɔ hɔ ɛberɛ biara.

2Enti sɛ asase ani dane butu

na mmepɔ tutu kɔgu ɛpo ase a, yɛrensuro,

3sɛ ɛpo bɔ asorɔkye na ɛhuru

na ɛma nkokoɔ woso mpo a, yɛrensuro.

4Asutene bi wɔ hɔ a

ne nsuwansuwa de anigyeɛ ba Onyankopɔn kuropɔn mu,

beaeɛ kronkron a Ɔsorosoroni no teɛ.

5Onyankopɔn te kuropɔn no mu, na ɔrenhwe ase;

Onyankopɔn bɛboa no anɔpahema.

6Amanaman yɛ hoo, na ahennie hwehwe ase;

ɔma ne nne so ma asase nane.

7Otumfoɔ Awurade ka yɛn ho.

Yakob Onyankopɔn yɛ yɛn aban.

8Bra bɛhwɛ Awurade nnwuma,

ɔsɛeɛ a ɔde aba asase no so.

9Ɔma akodie gyae kɔsi asase ano.

Ɔbubu agyan mu na ɔsɛe pea;

ɔde ogya hye nkataboɔ.

10Monyɛ komm na monhunu sɛ me ne Onyankopɔn;

wɔbɛma me so wɔ amanaman no mu,

wɔbɛma me so wɔ asase so.

11Otumfoɔ Awurade ka yɛn ho;

Yakob Onyankopɔn yɛ yɛn aban.

Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help