Nnwom Mu Dwom 1 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

1Salomo nnwom mu dwom.

Ababaawa:

2Ma ɔmfa nʼano mfeano no mfe mʼano,

ɛfiri sɛ wo dɔ no yɛ ahomeka sene bobesa.

3Wʼaduhwam yi hwa a ɛyɛ ahomeka

wo din te sɛ aduhwam a wɔahwie.

Na ɛnyɛ nwanwa sɛ mmabaawa no dɔ woɔ!

4Fa me kɔ, ma yɛnyɛ ntɛm!

Ma ɔhene mfa me nkɔ ne piam.

Nnamfonom

Yɛbɛdi ahurisie na yɛn ani agye wo ho.

Yɛbɛkamfo wo dɔ asene bobesa.

Ababaawa:

Sɛ wɔkamfo wo a, na ne kwan so ara ne no!

5Mebiri deɛ, nanso me ho yɛ fɛ,

Ao, Yerusalem mmammaa,

mobiri te sɛ Kedar ntomadan,

te sɛ, Salomo ntomadan mu ntwamutam!

6Nhwɛ me haa sɛ mebirie enti,

ɛfiri sɛ awia na ayɛ me saa.

Memaa mmammarima bo fuu me

enti wɔmaa me kɔhwɛɛ bobe nturo so;

na amma manhwɛ mʼankasa me bobe turo.

7Kyerɛ me me dɔfoɔ,

faako a wode wo nnwankuo kɔ adidi

na owigyinaeɛ nso faako a woma wo nnwan home.

Adɛn enti na ɛsɛ sɛ meyɛ sɛ ɔbaa a wakata nʼanim

wɔ wo nnamfonom nnwankuo ho?

Nnamfonom

8Sɛ wonnim a, mmaa ahoɔfɛfoɔ pa ara no,

fa ɛkwan a nnwan fa soɔ so

na fa wo mpapo mma kɔ adidi

wɔ nnwanhwɛfoɔ no ntomadan ho.

Aberanteɛ:

9Me dɔfoɔ, mede wo toto pɔnkɔ bereɛ

a wɔde ahoma asa no wɔ Farao nteaseɛnam baako ho.

10Nsomuadeɛ ama wʼafono ho ayɛ fɛ,

na abohemaa a woasina agu wo kɔn mu no fata wo.

11Yɛbɛyɛ sikakɔkɔɔ nsomuadeɛ

a wɔde dwetɛ asisi mu ama wo.

Ababaawa:

12Ɛberɛ a ɔhene te nʼadidi ɛpono ho no,

nʼaduhwam hwa no gyee hɔ.

13Me dɔfoɔ ayɛ me sɛ kurobo toa

a ɛda me nufu ntam.

14Me dɔfoɔ ayɛ me sɛ nhwiren boa a ayɛ frɔmm

wɔ En-Gedi bobe turo mu.

Aberanteɛ:

15Me dɔfoɔ, wo ho yɛ fɛ!

Ao, ahoɔfɛ nie

wʼaniwa aba te sɛ aborɔnoma.

Ababaawa

16Me dɔfoɔ, wo ho yɛ fɛ!

Ao, ahoɔfɛ nie

yɛn mpa so yɛ akɔnɔakɔnɔ.

Aberanteɛ:

17Yɛn fie mpunan yɛ ntweneduro;

yɛn nsamsoɔ yɛ pepeaa.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help