Nnwom 57 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Dwom 57Dawid dwom a ɔtooɛ ɛberɛ a ɔdwane firii Saulo nkyɛn kɔɔ ɔbodan no mu.

1Hu me mmɔbɔ, Ao Onyankopɔn, hunu me mmɔbɔ,

na wo mu na me kra nya dwanekɔbea.

Wo ntaban nwunu ase na mɛpɛ dwanekɔbea

kɔsi sɛ amanehunu no bɛtwam.

2Mesu frɛ Onyankopɔn, Ɔsorosoroni no;

Onyankopɔn a ɔma ne pɛ ba mu wɔ me ho.

3Ɔsoma firi soro hɔ bɛgye me nkwa,

ɔka wɔn a wɔtaa me anibereɛ so no anim;

Onyankopɔn soma ne dɔ ne ne nokorɛ.

4Agyata atwa me ho ahyia;

meda mmoa a wɔwe ɛnam mono mu,

nnipa a wɔn se te sɛ mpea ne mmɛmma

na wɔn tɛkrɛma te sɛ akofena a ɛyɛ nnam.

5Ao Onyankopɔn, woyɛ kɛseɛ wɔ ɔsorosoro hɔ;

ma wʼanimuonyam nkata asase nyinaa so.

6Wɔtrɛɛ asau mu de sum me nan afidie,

ahohiahia brɛɛ me ase.

Wɔtuu amena wɔ me kwan mu,

nanso wɔn ankasa akɔtotɔ mu.

7Ao Onyankopɔn, mʼakoma agyina pintinn,

mʼakoma nhinhim;

mɛto dwom na mayi wo ayɛ.

8Me kra nyane!

Sankuo ne bɛnta, monnyane!

Me nso mɛnyane anɔpahema.

9Ao Awurade, mɛyi wo ayɛ wɔ amanaman no mu;

mɛto wo ho dwom wɔ nnipa mu.

10Wo dɔ yɛ kɛseɛ na ɛduru ɔsorosoro;

wo nokorɛ kɔka ewiem.

11Ao Onyankopɔn, woyɛ kɛseɛ wɔ ɔsorosoro hɔ;

ma wʼanimuonyam nkata asase nyinaa so.

Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔto no sɛdeɛ wɔto “Mma Wɔnsɛe No” sankuo nne so.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help